Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 7—Okristoni ho Adansedi

    “Sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo; nneɛma dedaw atwam, hwɛ, nneɛma nyinaa aye foforo.’’ 2 Kor. 5 : 17.KN 47.1

    Onipa ntumi nkyerɛ bere ko ana bea ko, anasɛ ɔkwan ko a ahonu nam so ba; eyi nkyerɛ sɛ onnyaa adwensakra. Kristo see Nikodeemo sɛ: “Mframa bɔ nea ɛpɛ, na wote ne nka, na wunnim nea efi ba ne nea ɛrekɔ. Sɛnea obiara a wɔawo no fi Honhom mu te ne no.” Yoh. 3 : 8. Ɛte sɛ mframa a wonnhu, nanso wɔte ne nka, saa ara na Onyankopɔn Honhom a ɔyɛ nnipa komam adwuma no te ne no. Awo foforo tumi a aniwa ntumi nhu no de asetra foforo ba ɔkara mu; Ɔyɛ no abɔde foforo Onyankopɔn suban so. Bere a Honhom adwuma no yɛ komm na wonhu no, n’aba yi adi pefee ma wo hu. Sɛ Onyankopɔn Honhom aye koma no foforo a, asetra no bedi ho adanse. Bere a yentumi nyɛ biribiara nsakra yɛn koma, anasɛ yentumi ne Nyankopɔn nni nokoro no; bere a ɛnsɛ sɛ yɛde yɛnho to yɛn nnwuma pa anasɛ yɛn ho so no, yɛn asetra na ɛbɛkyerɛ sɛ Onyame dom no te yɛn mu ana. Wobehu nsakrae no wɔ su ne ɔbra ne dwumadi mu. Nsonoee no be-yi adi pefee na wɔahu sɛnea wɔte de- daw ne senea wɔte nnɛ. Suban no kɔso yi adi, wɔ nsɛm ne nneyɛe pa mu, na ɛnyɛ sɛ ɛtɔ dabi a ɛyɛ nneyɛe pa anasɛ nnebɔne.KN 47.2

    Ɛyɛ nokware sɛ ɛtɔ dabi a ani-ani tee-yɛ wɔ hɔ a wɔkwati Kristo awo foforo tumi no nya. Tumidi ne anuonyam pɛ betumi de asetra pa aba. Obu a yebu yɛnho no betumi atwe yɛn afi bɔne su nyinaa ho. Pɛsɛmenkomenyani betumi ayɛ adɔe. Ɛnde ɔkwan bɛn so na yɛde bɛkyerɛ onii-ko a yɛwɔ n’afa no?KN 48.1

    Koma yɛ hena dea? Yɛn adwene wɔ hena nsam? Hena na yɛpɛ sɛ yɛne no tu agyina? Hena na yɛn pɛ ne yɛn mmɔdenbɔ pa wɔ no ? Se yɛyɛ Kristo dea , na yɛn mmɔdenbɔ pa wɔ no ? Sɛ yɛyɛ Kristo dea, na yɛn adwene wɔ Ne hɔ, na yɛn nsusui pa gyina No so. Nea yɛwɔ nyinaa ne sɛnea yɛte yeyi yɛn yam de ma No. Yɛn kɔn do sɛ yebenya Ne suban yɛbɛhome Ne Honhom, yɛbɛyɛ Ne pɛ, na yɛasɔ N’ani nneɛma nyinaa mu.KN 48.2

    Wɔn a wɔayɛ abɔde foforo Kristo Yesu mu no bɛsow Honhom aba no, “Ɔdo, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ.” Gal. 5 : 22, 23. Wɔrensan nkɔ wɔn akɔnnɔ dedaw no ho, na mmom wɔnam Onyankopɔn Ba no gyidi mu bedi N’akyi, benya Ne su no bi, atew wɔnho sɛnea Ɔno ho tew no. Nneema a kan wɔmpɛ, ahantan ne ahomaso dan odwo ne koma mu ahoberɛase. Ahantan-hunu no dan ahobrɛase a ahokyerɛ nni mu, ɔsabowfo aniso dwo. Ahohwifo dan ahotewfo. Wɔde wiase amanne ne ne nneyɛehunu gu nkyɛn. Kristofo renhwehwɛ “honam-ani ahyehyɛde,” na mmom “komam nipa a wahinta no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔ.”1 Petro 3 : 3, 4.KN 48.3

    Nokware adwensakra nyi adi gyes ɔsesɛw foforo ba ansa. Sɛ ɔdan awowaside kɔma, ɔhyɛ nea ɔfome no ananmu, ɔka ne bɔne kyerɛ, na ɔdɔ Onyame ne nnipa a, ɛsɛ sɛ abɔnefo a yɛafom yi ba Kristo nkyɛn na yenya N’anim dom a, ɔdɔ ba yɛn komam. Adesoa biara yɛ hare; efisɛ kondua a Kristo de ma no yɛ mmerɛw. Adwumayɛ dan anigye, na afɔrebɔ dan ahosɛpɛ. Ɔkwan a kan esum ahyɛ so no, afei Trenee Wia pue ma so heran.KN 48.4

    Kristo dɔ suban no beyi adi N’akyidifo mu. Ɛyɛɛ No anigye sɛ ɔrebɛyɛ nea Nyankopon pɛ. Onyame ho dɔ, ne N’anuonyam ho mmɔdenbɔ, ɛno ne ahoɔden a ɛmene yɛn Agyenkwa no asetram. Ɔdɔ maa Ne nneyɛe nyinaa he-rane nyaa anuonyam. Ɔdɔ fi Onyame. Koma a wonyii wɔn yam mmfa mmae no nntumi nya ɔdɔ. Ɔdɔ wo koma a Yesu di mu hene no nko mu. “Yɛdɔ No, efisɛ ono na ɔdɔɔ yɛn kan.” 1 Yoh. 4 : 19. Ɔdɔ ne nneyɛe mu ade kɛse a eyi adi wɔ koma a Onyame dom no ayɛ no foforo no mu. Ɔdɔ sakra suban, ekum akɔnnɔ, ɛfa ayamhyehye nnomum, edi tanfo so nkonim, ɛma ayamye kɔ so. Saa dɔ yi, ba ɔkara mu a, ɛma asetra yɛfɛ, na ɛma fipamfo nyinaa nya yiye-di.KN 49.1

    Mfomso abien bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn mma — titiriw wɔn a wɔaba Ne dom no ase foforo no — ɛSɛ sɛ wɔ-hwɛ no yiye. Nea edi kan a yɛaka ho asɛm dedaw, sɛ wɔhwɛ wɔn ankasa nnwuma, bu wɔnho sɛ wobetumi ayɛ biribiara, na wɔne Onyankopon ayɛ biako. Nea ɔnam nankasa nnwuma so pɛ Sɛ odi mmara no so de yɛ kronkron no berɛ kwa. Nea onipa kwati Kristo tumi y£ nyinaa no, pɛsɛmenkomenya ne bɔne agu ho fi. Ɛnam Kristo dom a efi gyidi mu nko so na yɛyɛ kronkron.KN 49.2

    Mfomso biako a ɛyɛ mmusu ɛnɛ sɛ Kristo mu gyidi no ma nnipa tue Nyankopɔn mmara no; £nam gyidi so nko kɛkɛ na yɛyɛ Kristo dom no fafafo nti yen gye no mfi yɛn nnwuma mu.KN 49.3

    Hu sɛ osetie nnyɛ ani-so-som ade, na mmom ɛyɛ ɔdɔ som. Onyankopɔn mmara no yɛ Ne suban a ayi adi; egyina ɔdɔ kɛsɛ no so titiriw ne saa nti ɛyɛ N’ahenni a ɛwɔ soro ne asase nnyinaso. Sɛ wɔyɛ yɛnkoma no foforo Onyame sɛso mu, na Onyame dɔ no tim yɛn kara mu a, so Onyankopon mmara no renyi adi wɔ yɛn asetram ana ? Sɛ wodua saa dɔ yi komam, na wɔ-yɛ onipa no foforo wɔ nea Ɔbɔɔ no no suban so a, na apam foforo mu bɔhyɛ no abam se: “Mede Me mmara mɛhyɛ wɔn komam, na Makyerɛw no wɔn adwenem.” Heb. 10 : 16, Na sɛ wɔkyerɛw mmara no wɔ komam a, so ɛrensakra asetra ana? Osetie — a ɛyɛ ɔdɔ ahobrɛase som no ye nokware sɛnkyerɛne ma Kristo osuaniyɛ. Enti na kyerɛwsɛm no sɛ: “Na eyi ne Nyankopon dɔ, sɛ yɛbedi N’ahyɛde so.” Nea ɔka sɛ: minim No, na onni N’ahyɛde so no, yɛ ɔtrofo, na nokware no nni no mu.” 1 Yohane 5:3;2 : 4. Binom dwen sɛ gyidi twe wɔn fi mmara no ho, nanso ɛnte saa, na mmon Gyidi nkutoo na ɛma yɛyɛ Kristo dom no ho fafafo, na ɔdom no nso ama yɛayɛ asoɔmmerɛ wɔ mmara no ho.KN 49.4

    Emfi yɛn asoɔmmerɛ nti na wogye yɛn nkwa; nkwagye yɛ gyidi aba. “Na munim sɛ Ɔno de oyii neho adi na wasoa bɔne, na bone nni No mu. Obiara a ɔte No mu no nyɛ bɔne; obiara a ɔyɛ bɔne no anhu No, nanso onnim No.” 1 Yohane 3 : 5, 6. Nokware Kristoni ho adansedi ni. Sɛ yɛtra Kristo mu, na Nyankopɔn dɔ no te yɛn mu a, yɛn mu nsɛm, yɛn adwennwen ne yɛn nneyɛe, ne Onyankopon pɛ no bɛyɛ biako sɛnea N’ahyɛde kronkron kyerɛ no. “Mma nkumaa, momma obiara nnaadaa mo; nea ɔyɛ nea ɛteɛ no, ɔteɛ sɛnea Ɔno nso teɛ.” 1 Yohane 3 : 7. Wɔnam Onyame mmara kronkron no so si trenee so frankaa, sɛnea wɔnam nsɛm du a wɔde maa Sinai so kyerɛ mu no.KN 50.1

    Saa Kristo mu gyidi a ɛma nnipa yɛ asoɔden tia Nyankopon yɛ gyidi hunu a ɛnyɛ nokware. “Na ɔdom na wɔde nam gyidi so agye mo nkwa.” Na sɛ gyidi “enni nnwuma a na awu.” Efeso 2:8; Yakobo 2 : 17. Ansa na Yesu rebɛba asase so no Ɔkae wɔ N’ankasa ho se; “Sɛ merebɛyɛ, nea Wo, Me Nyankopɔn Wopɛ, ɛne nea mehwehwɛ, na Wo, mmara wɔ Me komam.” Dwom 40 : 8 Twi 9. Na ansa na Ɔrebɛkɔ soro bio no Ɔkae se: “Madi M’agya ahyɛde so na Metra Ne dɔ mu.’’ Yohane 15:10. Kyerɛwsɛm se: “Sɛ yedi N’ahyɛde so a, ɛno ara na yɛde hu sɛ yenim No. . . . Nea ɔka sɛ ɔte No mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnantew sɛnea Ɔno nso nantee.” 1 Yohane 2 : 3-6. “Efisɛ Kristo nso huu amane maa yɛn gyaw yen nhwɛso, se munni N’anammɔn akyi.” 1 Petro 2 : 21.KN 51.1

    Daa nkwa nnyinaso te sɛ nea ɛte dedaw no — Ɛtesɛ nea ɛte wɔ Paradiise hɔ ansa na yɛn awofo a wodi kan no asehwe no reba no — ɛyɛ Onyankopɔn mmara so di pɛpɛɛpɛ, trenee a edi mu no. Sɛ daa nkwa nnyinaso kwatii eyi a, anka abɔde nyinaa ahotɔ bɛkɔ amane mu. Anka bɔne benya nkɔso, ama ne mmusu ne n’awerɛhow atra ho daa.KN 51.2

    Asehwe no nnya mmae no, na ɛyɛ mmerɛw ma Adam sɛ ɔbenya trenee suban a ɔnam so bɛyɛ osetie ama Onyame mmara no. Nanso wantumi anyɛ sa, na ne bɔne no nti ama yɛn awosu adan bɔne, na yentumi mmu bra trenee. Sɛ yɛ-yɛ abɔnefo, na yɛn ho ntew nti, yentumi nyɛ osetie mma ahyɛde kronkron no. Yenni yɛn ankasa trenee a yɛnam so bedi Onyankopon mmara so. Na Kristo de ɔkwan bi ato yɛn hɔ. Ɔtraa asase so amanehunu ne sohwɛ mu se yɛn nso ara pɛ. Ɔno de wanyɛ bone. Owu maa yen na afei Ose ɔbɛfa yɛn bɔne na ɔde Ne trenee ama yɛn. Sɛ wode wo ho ma No, na wogye No sɛ wo Agyenkwa a, ɛnde sɛ w’oasetra bɔne te sɛ dɛn ara a, Ɔno nti wadan wo treneeni. Kristo suban si wode ananmu, na Onyame agye wo sɛ wonyɛɛ bɔne pɛn ɛ.KN 51.3

    Nea ɛkyɛn so ne sɛ, Kristo sakra koma. Ɔnam gyidi so tra wo komam. Ɛsɛ sɛ wonam gyidi so tra Kristo mu na wugyae wopɛ mu ma No daadaa; na sɛ woyɛ eyi a, Ɔnam N’aniso so bɛyɛ opɛ ne oyɛ adwuma wo wo mu. Na woaka sɛ: “Na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopon Ba a Ɔdo me na ɔde Ne ho ama me no gyidi mu.” Gal. 2 : 20. Yesu see N’asuafo no sɛ: “Na ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ mo Agya Honhom a ɔkasa mo mu no.” Mateo 10 : 20. Na sɛ Ɔne Kristo reye adwuma wɔ wo mu yi, wobeyi Honhom koro no ara adi na woayɛ nnwuma koro no ara — trenee ne osetie nnwuma no.KN 51.4

    Biribiara nni yɛn mu a yɛde bɛhoahoa yɛn ho. Yenni hwee a yegyina so tu yɛn ho. Yɛn ani-da-so nyinaa ne Kristo trenee a ɔde ama yɛn, na ɛno mu na Ɔnam Ne Honhom so yɛ adwuma wɔ yɛn mu.KN 52.1

    Sɛ yɛka gyidi ho asɛm a, nsonoe bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusu ho. Gyidi bi wɔ hɔ a ɛnyɛ nokware gyidi. Onyame ne Ne Nyametumi a ɛwɔ hɔ, Asɛm a ɛyɛ nokware, yɛ nneɛma a Satan ne ne dɔm mpo gye di wɔ wɔn mu. Kyerɛw-sɛm se: “adaemone nso gye di, na wɔn ho popo” (Yakobo 2 : 19) ; nanso eyi nyɛ gyidi. Na enyɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm nko ara na yegye di, na mmom ɛsɛ sɛ yegyae yɛn pɛ mu ma No; Sɛ koma no bɛrɛ-ne-ho ase ma No, na akɔnnɔde no gyina No so a ɛno ne gyidi — gyidi a ɛnam ɔdɔ so yɛ nnwuma tew ɔkara no ho. Ɛnam saa gyidi yi so na wɔyɛ koma no foforo Onyankopɔn suban so. Koma a wonnyɛɛ no foforo no mfa ne ho nhyɛ Onyankopɔn mmara no ase, nanso entumi, ɛmaa n’ani nnye ne nsɛm kronkron no ho na ɛne Odwontofo no nka sɛ: “Medɔ Wo mmara dɛn ara! ɛne m’adwene daa adesae.” Dwom 119:97. Na mmara no trenee adi mu yɛn mu, “wɔnnante honam fam, na mmom wɔnam Honhom de mu.” Rom. 8:1.KN 52.2

    Binom wɔ hɔ a wɔahu Kristo dɔ fafiri no, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mma ampa, nanso wosusuw sɛ wɔn suban nye, wɔn asetra yɛ bɔne, na wonnye nni sɛ Honhom Kronkron na adannan wɔn koma no foforo. Saa nnipa yi mise wɔn se, mo nsan mo akyi abawpa mu Ɛsɛ sɛ yekoto Yesu nan ase su daa wɔ yɛn mmerɛwyɛ ne mfomso ho; nanso ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Sɛ ɔtanfo no di yɛn so nkonim mpo a, wɔnntow yɛn nkyene ɛ, na Nyame nyaw yɛn na ɔmpaa yɛn ɛ. Kristo wɔ Nyankopon nifa, na odi ma yɛn. Ɔcbfo Yohane kae se: “Mekyerɛw yinom mebrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bone a, yɛwɔ okyigyinafo, Agya no nkyɛn, ɔtreneeni Yesu Kristo.” 1 Yohane 2:1. Mommma yɛn werɛ mfi Kristo nsɛm a ɔkae se: “Agya no ankasa pɛ mo asɛm.” Yoh. 16 : 27. Ɔpɛ sɛ ɔde mo san ba N’ankasa nkyɛn, sɛ Ɔbehu N’ankasa N’ahotew ne Ne kronkronye wɔ mo mu. Sɛ wobegyae wo ho ama No a, ɔno a waft adwuma pa ase wɔ wo mu no bɛtoa so akosi Yesu Kristo da no mu. BƆ mpae denneennen na gye di nokwarem. Mommma yɛmmfa yɛnho nnto yɛn ahoɔden so, na mmom yɛmfa yɛnho nto yɛn Gyefo no ahoɔden so, na yɛayi yɛn yaresafo No ayɛ.KN 52.3

    Mmere dodow a wo-bɛn Yesu no, mmere dodow no ara na wo bɔne bɛda adi wd wɔ ani so; wo-ani so bɛda hɔ pefee na woahu wosu bɔne ne Ne su pa no ntam nsonoe. Eyi kyerɛ sɛ Satan nnaadaa no ayera n’ahoɔden; na afei Onyame Honhom tumi rekanyan wo.KN 53.1

    Yesu ho dɔ a emu dD biara nni koma a enhu n’ankasa bDne no. Ɔkara a Kristo dom asakra no no bɛkamfo Ne Nyame suban no, na sɛ yentumi nhu yɛn bra mu mfomso a, ɛyɛ nokware sɛ yenya nhuu Kristo suban pa ne Ne mudi no.KN 53.2

    Mmere dodow a yemmu yɛnho no, mmere dodow no ara na yɛbetumi abu yɛn Agyenkwa no ahotew ne N’adɔe no yiye. Yɛn bɔne a yehu no ma yeguan kɔ nea otumi de firi no nkyɛn; nasɛ ɔkra no hu ne mmerɛwyɛ, na odi Kristo akyi a, Ɔbeyi Ne ho adi ahoDden mu wɔ ne mu. Mmere dodow a yɛn adwene twe yɛn kɔ Onyankopɔn ne N’asem so no, mmere dodow no ara na yɛbehu Ne suban na mmere dodow no ara na yɛbenya Ne suban a ɛkrɔn no bi.KN 53.3

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents