Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 2—Kristo ho hia a ehia ɔdebɔneyɛfo

    Wɔmaa onipa anuonyam, tumi ne adwene a ɛfata yiye mfiase no. Na ɔyɛ pɛ wƆ ne tebea mu, na ɔne Nyame yɛ biako. Na ne nsusuwi ho tew, na ne botae yɛ kronkron. Nanso esiane asoɔden nti ne tumi dane, na pɛsɛmenkominya sii ɔdɔ anan mu. Esiane mmarato nti ne suban yɛɛ mmerɛw a wanntumi amfi nankasa ahoɔden mu anni ɔtɔne no tumi so Satan faa no dommum, na sɛ Onyankopɔn ansi ntam a anka ɔbɛtra hɔ saara. Ɛyɛ ɔsɔhwɛfo no pɛ sɛ ɔsakra Onyame nhyehyɛe no wƆ onipa bɔ mu, na ɛde nnome ne amanfoyɛ ahyɛ asase so. Na afei wayi saa bɔne yi nyinaa adi akyerɛ sɛ efi Onyankopɔn bɔ a ɔbɔɔ onipa no nti. Bere a onipa nni bɔne no, na ɔne Kristo a “Ɔno mu na nyansa nimdeɛ ademude nyinaa akora” Kol. 2 : 3 no wɔ anigye ayɔnkofa. Na bɔne akyi no, ontumi nhu anigye wɔ kronkronyɛ mu bio, na ɔsɔhwɛe sɛ obenhinta afi Nyame anim. Sɛnea koma a ɛnsakrae te nen. Ɛne Nyame nni ayɔnkofa, ne saa nti ɔne no nni kasasie. Ɔdebɔneyɛfo ntumi nya ahotɔ wɔ Onyame anim; ɔtwe neho fi ahotefo baguam.’ Sɛ anka wɔbɛma no kwan ama wakɔ soro po a, anka ne ho renntɔ no wɔ hɔ. Nea ɔdɔ pa di hene hɔ, a koma biara yɛ aso ma Onyame dɔ no — remma no ahotɔ. Ne nsusui, n’anigye, n’ahokeka ne atreneefo de no bɛbɔ abira. Ɔbɛyɛ ɔpapo a odi nnuanten mu ɔsoro hɔ. Ɔsoro bɛdan no baabi a ɛyɛ ahoyeraw; ne ho bɛpre no sɛ obehintaw afi Onyame a Ɔye hann ne n’anigye ti no ho. Ɛnnyɛ Onyame na ɔhyɛ mmara ketee de yi nnebɔneyɛfo fi soro, wɔn ankasa ara fata a Wɔmmfata no na ɛtew ayɔnkofa no mu. Onyame anuonyam no bɛyɛ wɔn sɛ ogya a ɛhyew ade. Ɛkaa wɔn nko a anka wɔasɛe afi nea owu gyee wɔn no anim.KN 15.1

    Ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebeguan afi bɔne amoa a yɛremem wɔ mu no mu. Yɛn koma yɛ bɔne na yentumi nsakra. “Hena na obenya ɔhotefo wɔn a wɔn ho akum mu, obiara nni hɔ.” “Honam adwene yɛ nitan a ɛtan Nyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Onyankopɔn mmara no ase, nanso entumi.” Hiob 14 : 4; Rom. 8:7. Adesua, ɔyɛn, ɔpɛ ahokeka ne onipa mmɔdenbɔ no nyinaa wɔ wɔn afa a ɛfata de, nanso eyi ho de wonntumi. Wobeyi ani ani abrabɔ a ɛyɛ pɛ, nanso wonntumi nsakra koma no; wonntumi ntew asetra ho. Ɛsɛ sɛ tumi bi yɛ emufam adwuma, nkwa foforo a efi soro, ansa na nnipa atumi asakra afi bɔne mu akɔ kronnyɛ mu. Saa tumi no ne Kristo. Ne dom no nkutoo na etumi ma ɔkara no nkwa na ɛtwetwe no kɔ Onyame hɔ na ɛde no kɔ ahotew mu. Agyenkwa no se. “Sɛ wɔannwo obi foforo,” sɛ wannya koma foforo, ɔpɛ foforo, nhyehyɛe, ahokeka a ɛde kɔ nkwa foforo mu a, “ontumi nhu Onyankopɔn ahenni no.” Yoh. 3 : 3. Nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ ɛe onipa no ara nam n’awosu so yɛ yiye no yɛ nnaadaa kɛse. “Ɔkara-muni nyɛ Onyame honhom mu ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na onhu mu, efisɛ wobu no ntɛm honhom mu.” “Mma ɛnnyv wo nwowa sɛ misee wo sɛ: Etwa sɛ wɔwo mo foforo.”1 Kor. 2 : 14: Yoh. 3 : 7. Wɔakyerɛw wɔ Kristo ho sɛ, “No mu na nkwa wɔ; na nkwa no ne nnipa hann,” “din foforo nni soro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu. Yoh. 1 : 4; Asfm. 4 : 12. Ɛnnɔso sɛ yebehu Onyankopɔn dɔ ayamye no mu nko na yehu N’ahummɔbɔ no, ne Agya mmɔborɔhunu a ɛyɛ Ne suban no. Ɛnnɔso sɛ yehu nyansa ne atemmu a ɛfa Ne mmara ho nko, sɛ yɛhu sɛ egyina ɔdɔ nhyehyɛe a enni awiei so. Ɔsomafo Paulo huu eyi nyinaa na ɔteɛɛm sɛ “mepene mmara no so sɛ eye.” Mmara no yɛ kronkron, na ahyɛde no yɛ kronkron ne trenee ne papa.” Na ɔkaa bi nso kaa ho wɔ n’ahomegu a ɛyɛ nwene ne abaw pa no mu sɛ, “Meyɛ ɔhonam mu ni a wɔatɔn me ahye bɔne ase.” Rom. 7:16, 12, 14. N’ani gyinaa ahotew ne treneeyɛ a onni n’ankasa tumi sɛ obenya no, na ɔteɛɛm se, ‘’ Me manehunufo!” Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu” Rom. 7:24. Saa osu yi na efi koma a bɔne nnosoa ahyɛ so wɔ nsase horow nyinaa so fi teteete. Ne mmuae biako pɛ na ɛwɔ hɔ ma obiara, “Hwɛ Onyankopɔn guamma no a ɔsoa wiase bɔne no ni.” Yoh. 1:29.KN 16.1

    Nneɛma pii no ara na ɛwɔ hɔ a Onyankopɔn honhom ahwehwɛ sɛ ɔfa so de kyerɛ saa nokware yi mu na ɔma emu da hɔ pefee ma akara a wɔn ani gyina sɛ woyi wɔn ho fi bone kondua ase no. Bɔne a Yakob de yɛɛ Esau sɛ ɔdaadaa no, ma enti akyiri yi oguan fii n’agya ofi no ho fɔdi no brɛɛ no ase. Ɔyɛɛ ankonam a wɔatow no akyene afi nea ɛma asetra yɛ anika ho, na nsusui a ɛbro nea aka nyinaa so a ɛhyɛɛ ne koma so ne osuro a osuroe sɛ ne bɔne ayi no afi Onyankopɔn ho, na ɔsoro apaw no. Awerɛhow mu, ɔdaa asase a hwee nsɛw so no so, na nea atwa ne ho ahyia ne mmepɔw nko ara, ne nsoroma nso a ɛhyerɛn wɔ ɔsoro. Ɔdae no, hann a ɛyɛ nwonwa hyerɛne wɔ nani-so-adehu mu, na hwɛ, faako a ɔda no, antweri kɛse bi a n’atifi pem soro, na Onyankopɔn abɔfo di so aforosian si; na anuonyam a ɛwɔ soro no mu na ɔtee Onyankopɔn nne a ɛyɛ awerɛkyekye ne anidasi. Sɛɛ na nea ehiaa Yakob no woyi kyerɛɛ no — Agyenkwa no. Anigye ne aseda mu na ohui sɛ woyii ɔkwan a ɔno a ɔyɛ ɔdeboneyɛfo no nam so bɛsan ne Onyame afa adamfo no kyerɛe. Antweri a ɛyɛ nwonwa no gyina hɔ ma Yesu, Ɔno nko na Ɔda Onyame ne nnipa ntam.KN 17.1

    Ade koro yi ara na Kristo ne Natanael rebɔ nkɔmɔ no ɔde yɔɔ mfato ho se: “Mo behu ɔsoro sɛ abue na Onyankopɔn abɔfo reforo sian wɔ onipa ba no so.” Yohane 1 : 52, Twi (English 51). Asehwe mu no, onipa twee ne ho fii Onyankopɔn ho; asase ne soro mu tetewe, na oku a ɛda ntam no nti wontumi nni nkɔmɔ. Nanso ɛnam Kristo so ma wɔaka ɔsoro ne asase abom. Ɛnam Kristo papayɛ so na twene ada oku a bɔne yeɛ no so, na ne saa nti abɔfo asomfo no tumi ne onipa di nkɔmɔ. Kristo ka onipa a wahwe ase wɔ ne mmerɛwyɛ ne ankonamyɛ mu no bata Otweaduampɔn no ho.KN 17.2

    Na ɔkwa ara na onipa nkɔso ho adaeso yɛ ɔkwa, na ɔkwa ara na mmɔden a wɔbɔ de ma adesemma so no bɛyɛ ɔkwa, gyesɛ ɔne Kristo a ɔye adesa anidaso ne boafo no bom ansa. “Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ ye nyinaa fi soro.” (Yakobo 1 : 17). Nokware su pa biara nkwati No. Ɔkwan a ɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn ne Kristo nko. Ose, “Mene kwan ne nokware ne nkwa, obi mma Agya no nkyɛn gyesɛ ɔnam Me so.” Yoh. 14 : 6.KN 18.1

    Onyankopɔn de ɔdɔ a emu yɛ den sen owu no pere Ne mma a wɔwɔ asase so. Onyame nam Ne Ba akyɛde no so ahwie soro nyinaa ama yɛn. Agyenkwa no asetra ne Ne wu ne Ne dima, ne abɔfo som no, ne Honhom no serɛ-ma no, ne Agya no soro adwuma a Ɔnam wɔn so yɛ no, ne anigye a ɛnsa da a ɔsorofo wɔ wɔ yɛn ho — wahyehyɛ ne nyinaa ama onipa nkwagys. Ao, momma yensusuw afɔrebɔ a ɛyɛ nwonwa a wɔabɔ ama yɛn no ho! Mo-mma yɛn ani nsɔ adwumayɛ ne ahoɔden a ɔsoro rehwere de agye wɔn a wɔayera, na ɔde wɔn asan aba Agya no fi no.KN 18.2

    Ahoɔden a emu yɛ den ne adeyɛ a ɛwɔ tumi bebree bi nsen ɔsoro de yi; akatua a ɛboro so wɔ adepa yɛ mu, ɔsoro anigyede, abɔfo kuw, ne Onyankopɔn ne Ne Ba dɔ ayɔnkofa, yɛn tumi-diso-ma, ne emu-terɛw fi teteete — so eyinom nyinaa nkanyan yɛn ahoɔden mu, nkuranhyɛ ne ɔhyɛ so sɛ yɛmfa ɔdɔ koma nsom yɛn Bɛfo ne Ogyefo no?KN 18.3

    Momma yɛmfa yɛn ho mmata nea ɔde ɔdɔ a ɛyɛ nwonwa adɔ yɛn No ho yiye. Momma nea ɔde ama yɛn no ho mmera mfaso na yɛasakra ayɛ Ne sɛso, na yɛne abɔfo asomfo no anya ayɔnkofa, wɔ Agya no ne Ɔba no biakoyɛ mu.KN 18.4

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents