Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 8—Kristo mu nyin

    Koma nsakrae a yɛnam so bɛyɛ Onyankopɔn mma no, Kyerɛwsɛm frɛ no awo. Bio wɔde to ogufo no aba pa a ɛrefifi ho. Saa ara na afoforo a wɔadan aba Kristo nkyen te sɛ: “Nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren.” “nnyin nneema nyinaa mu” (1 Pet. 2:2; Efeso. 4:15) nnyɛ mmarima ne mmea Kristo Yesu mu. Ana ɛtɛ sɛ aba pa a woguu no afum, ɛsɛ sɛ wonyin sow aba pa a ɛrefifi ho. Saa ara na afoforo a wɔadan aba Yehowa tɛ-nnua a ɛyɛ N’ahyeyɛde.” Yesaia 61 : 3. Yɛnam abɔde asetra so nya ntotoho a, ɛboa yɛn ma yɛte nokware ahinta-sɛm a ɛfa honhonm de no ho ase.KN 55.1

    Onipa rentumi mfa ne nyansa ne n’ahoɔden nyinaa so mma abɔde ketewa biara nkwa. Efi nkwa a Onyankopɔn Ankasa de mae no nko so na dua ana aboa biara betumi de atra ase. Saa ara na nkwa a efi Onyankopon hɔ no nko na ɛma nnipa nya honhom mu nkwa wɔn komam. “Sɛ wɔanwo obi foforo a (Yohane 3:3), ontumi nnya nkwa a Kristo de bɛmae no bi.KN 55.2

    Sɛ nkwa no te no, sɛnea onyin nso te nen. Onyankopon na Ɔma dua fefɛ fromfrom na Ɔma nhwiren sow aba. Ne tumi mu na aba nam-so nnyin “ɛyɛ ahaban kan, na afei ayɛ bɛtem, na afei ayɛ awi a aben bɛtem no mu.” Marko 4 : 28. Odiyifo Hosea ka wɔ Israel ho sɛ: “Ne nhwiren bɛhan sɛ sukooko.” Abɛma awi asan anya afiye, na wɔafɛfɛ sɛ obobe.” Hosea 14 : 5, 7 (Twi 6, 8.) Yesu se yɛn sɛ: “Monhwɛ sukooko sɛnea enyin.” Luka 12: 27. Nnua ne nhwiren ntumi mmfa wɔn ankasa yiyehwɛ ana wɔnadwennwen ana won mmɔdenbɔ so nyin, na mmom ɛnam nea Onyankopɔn asiesie de ama wɔn nnyin, no so. Abofra biara ntumi mmfa n’adwennwen ana n’ahoɔden so mfa basafa nto ne (nkwa) tenten so. Saa ara na wo nso wo ntumi mfa woadwennwen ana wo mmɔdenbɔ so nnya honhom mu nnyin no. Dua ana abofra nam nea wasiesie ama no a ɛbɔ ne ho nsra hyia no so na enyin — mframa, owia hann ne aduan. Sɛnea abɔde akyɛde yinom yɛ ma aboa ne dua no, sɛnea Kristo nso yɛ ma wɔn a wode wonho to No so nen. “Yehowa na Ɔbɛyɛ won daa hann,” “Owia ne kyɛm.” Yesaia 60:19; Dwom 84:11 (Twi 12.) “Mɛdan sɛ obosu mama Israel.” “Ɔbɛba sɛ osu a ɛtɔ gu sare a wɔahuw so so.” Hosea 14:5 (Twi 6); Dwom 72:6. Ɔno ne nkwansu no, “Onyankopon abodoɔ ne nea osian fi soro ba na ɔma wiase nkwa no.” Yohane 6:33.KN 55.3

    Ɛnam Ne Ba no akyɛde a enni kabea no so, na Onyankopon de ɔdɔm abɔ wiase nyinaa ho ban, sɛnɛa mframa nso bɔ wiase nyinaa ho ban nen. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhome saa mframa yi benya nkwa, na wɔanyin akɛsɛ ayɛ mmarima ne mmea Kristo Yesu mu.KN 56.1

    Yesu kyerɛkyerɛ saa ara se: “Montra Me mu, na Me nso mentra mo mu. Sɛnɛa baa ntumi mfi n’ankasa mu nsow aba gye se ɛtra obobe no mu no, saa-ara nso na muntumi, gyesɛ motra Me mu. . . . Na mokwati Me a, muntumi, nyɛ hwee.” Yohane 15 : 4, 5. Ɛsɛ sɛ motra Kristo mu na moabu ɔbra kronkron sɛnea baa tra dupɔn no mu na onyin sow aba no. Mokwati No a mo nni nkwa. Mo nni ahoɔden a mode besiw sɔhwɛ kwan anase mode benyin ɔdɔm ne ahotew mu. Motra No mu a mo benyin fromfrom. Monnya nkwa fi No mu a, morenkisa na morennyɛ won a wɔnnsow aba. Mo-bɛyɛ sɛ dua a atim asubɔnten ho.KN 56.2

    Pii no ara dwen sɛ wobetumi de wɔn ankasa ahoɔden ayɛ adwuma no mu bi. Bɔne ho fafiri de wɔde wɔn-ho ato Kristo so, na afei wɔhwehwɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa mmɔdenbɔ so bu wɔn bara. Nanso mmɔdenbɔ a ɛte saa biara no etwa sɛ ɛsɛe. Yesu se: “Mokwati Me a, muntumi nyɛ hwɛɛ.” Yɛn dom mu nnyin, yɛn anigye, yɛn yiyedi — ne nyinaa ne sɛ yɛbata Kristo suban no ho. Ɛyɛ yɛn dabiara ne dɔnhwerew biara mu adidi kronkron mu nkabom — ne ne mu tra — na ɛma yenyin wɔ n’anuonyam mu. Ɔnye yɛn gyidi ho kyerɛwfo nko na mmom nea ɔde yɛn gyidi no baa awiei. Yesu ne yɛn daapɛm kannnifo ne okyidifo. Ɛnyɛ sɛ ɔne yɛn ntra wɔ yɛn dwuma asefi ne n’awiei nko na mmom ɔnyɛ yɛn kwankyerɛfo wɔ yɛn dwumadi horow mu. Dawid se, “mede Yehɔwa masi m’anim daa yi, na ɔwɔ me nifa yi mirenhim.” Dwom 16 : 8.KN 57.1

    So wo bisa sɛ, “mentra Kristo mu dɛn?” — Na ɛne senea wofi wo komam’ gyee no kan no ara. “Na sɛnea wosi gyee Kristo Yesu Awurade no ara kwan so no, nante ne mu.” “Atrenefo no bɛtra ase wɔ gyidi mu.” Kol. 2 : 6; Heb. 10 : 38. Wo-de wo ho maa Onyankopon, sɛ ne hotefo, sɛ wobɛsom na watie no, na wofaa Kristo sɛ wo gyefo. Wo nkutoo ntumi mpopa wo bɔne, ana wo nsesa wo koma. Nanso sɛ wode wo ho ama Onyame nti, wo gye dii sɛ Ɔno wo Kristo nti oyɛɛ eyi nyinaa maa wo. Gyidim’ na w’ayɛ Kristo de, na gyidim’ na ɛsɛ sɛ wonyin wɔ ne mu wɔ ɔma ne ɔgye mu. ,KN 57.2

    Fa wo koma nyinaa, wo pɛ nyinaa, wo dwumadi nyinaa fa wo ho ma No na tie Ne nsɛm nyinaa; na fa Kristo korakora, nhyira su ti no, na Ɔntra wo koma mu, na ɔnyɛ w’ahoɔden, wo trenee, wo daapem boafo — na ɔmma wo tumi a wode bɛyɛ osetie.KN 57.3

    Tew wo ho anɔpa biara wɔ kronkron-yɛ mu ma Onyankopon; na eyi nyɛ w’oadwuma mu ade a edi kan. Ma wo mpaebo nyɛ, “Gye me, O Awurade, sɛ wo de koraa. Mede m’akwan nyinaa to wo nan ase. Dan me wo somfo nnɛ. Wo ne me ntra na menyɛ m’adwuma wɔ wo mu.” Eyi ne dabiara senhia. Kae dabiara anɔpa na tew wo ho ma Onyame saa da no. Gyae w’akwan nyinaa hyɛ ne nsa, na ɔnsiesie ana O’nnyae mu sɛnea ne pɛ bɛkyerɛ. Sɛ-nea ɛbɛyɛ na adekyee biara no wo nkwa bɛhyɛ ne nsam; na saa mu na ɔbɛteɛ wo nkwa, akwan pii so ma asɛ Kristo de.KN 57.4

    Nkwa a ɛwɔ Kristo mu no yɛ nkwa ahotɔ. Ebia ɔpɛ mu ahopere bi mma mu, nanso ɛsɛ sɛ asomdwee mu ahotoso ba mu. W’anidaso nni wo mu; ɛwɔ Kristo mu. Wo mmerɛwyɛ abata n’ahoɔden ho, na onnim a wonnim bata ne nyansa-hu ho, wo pititɔ wɔ Ne mmɔdenbɔ ahoɔden mu. Enti mfa wo ho nto wo ho so, mfa w’adwene nto wo ho so, na mmom hwɛ Kristo. Ma wadwene nna Ne dɔ, n’anuonyam, ne pɛpɛɛpɛyɛ, ne Ne suban so. Kristo a Ɔpa-Neho — akyi, Kristo ahobrɛase, Kristo ahotew ne Ne kronkronyɛ, Kristo dɔ a enni kabea — eyi ne ɔkara no nsusui. Ɛnam ɔdɔ a wo dɔ No, osua a wusua No, ɔto a wode woho to No so koraa no so na ɛbɛdan wo ama woase No.KN 58.1

    Yesu se: “Montra Me mu.” Nsɛm yi kyerɛ ɔhome, pintinnyɛ ne awerehyem. Ose bio sɛ: “Mommera Me nkyɛn, . . . na Mɛma moahome.” Mateo 11:28, 29. Ɔdwontofo no nsɛm kyerɛ saa ara: “Yɛ komm ma Yehowa, na tɔ wo bo ase twɛn No.” Yesaia nso di ho adanse se: ‘’ Kommyɛ ne anidaso mu na mo mmaninyɛ bɛtra.” Dwom 37 : 7; Yesaia 30 : 15. Wohu ɔhome yi nsiyɛfo mu; Agyenkwa no frɛ a ɔrefrɛ yɛn kɔ adwumayɛ ho yi na ɔhome bɔhyɛ gyina so. “Momfa Me kɔndua nto moho so, . . . na mobenya home.” Mateo 11 : 29. Koma a ɛbata Kristo ho koraa no na ɛde nsiyɛ bɛyɛ adwuma dennen ama No.KN 58.2

    Sɛ onipa dwen n’ankasa ara ho a, na wadan ne ho afi Kristo a ɔyɛ asetram mmaninyc ti no ho. Enti Satan guso ara rebɔ mmɔ den sɛ ɔbɛtwe no afi Agyenkwa no ho, ma nkabom ne ayɔnkofa a ɛda ɔkara ne Kristo ntam no ada mpan. Wiase mu anigyede, asetra yi mu dadwen-ne haw ne ahoyeraw, ne ɔyaw, binom mfomso, anasɛ wo ara wo mfomso ne mmerɛwyɛ — eyinom na Satan nam so bɛsɛe adwene no. Mmfa ne nnaadaa no so nyera. Pii a wonim, na wɔpɛ sɛ wɔtra ase ma Nyankopɔn no, ɔtaa de wɔn adwene kogyina wɔn mfomso ne wɔn mmerɛwyɛ so, na sɛ ɔpan wɔn fi Kristo ho a, wadi wɔn so nkonim. Mommma yɛnnhwɛ sɛnea yɛse titiriw, mma adwennwen ne yɛn suro nsɔre se: so wobegye yɛn nkwa ni. Eyinom nyinaa dan okara no fi Nea Ɔyɛ yɛn ahoɔden Ti no ho. Fa wo kara hyɛ Onyankopon nsa, na fa woho to No so. Ka Yesu ho asɛm na dwen No ho. Ma woho adwennwen no nyera Kristo mu. To w’akyinne ne surɔ nyinaa gu. Wo ne Ɔsomafo Paulo nka s£: “Na mase a mete de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase me mu; na mase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopon Ba a ɔdɔ me na ɔde Neho ama me no gyidi mu.” Gal. 2 : 20. Tra Onyame mu. Ɔno na obetumi aso nea wode ahyɛ Ne nsa nyinaa mu. Sɛ wode woho hyɛ Ne nsa a, Ɔnam Nea wadɔ wo no so bɛma wadi nkonim mmoro so.KN 58.3

    Bere a Kristo faa onipa tebea too Ne ho so no, Ɔtwee nnipa bataa ne ho wɔ ɔdɔ nkabom bi mu a ahoɔden biara ntumi ntetew mu gye onipa ankasa pɛ. Ɔbonsam bctaa asum afiri atwetwe yɛn sɛ yɛbɛtetew saa nkabom yi — sɛ yɛbɛpaw sɛ yɛbɛtew yɛn ho afi Kristo ho. Ɛha ne beae a ehia sɛ yɛwɛn, bɔ mmoden, bɔ mpae, sɛ bribiara nka yɛn mma yɛmpa Awurade foforo; efisɛ ɔkwan wɔ hɔ ma yɛn daa yi sɛ yɛbɛyɛ eyi. Mmom mo mma yɛntow yɛn ani sa wɔ Kristo so, na Ɔno na ɔbɛkyɛɛ yɛn so. Yesu hwɛ nko mu na yɛanya nkwagye. Bribiara ntumi nhuam yɛn wɔ Ne nsam. Yɛn daa anidaso a ɛwɔ ne mu no. “sakra yɛn kɔ suban koro no ara mu, fi anuonyam mu kɔ anuonyam mu, sɛ efi Awurade honhom no ara.” 2 Kor. 3:18.KN 59.1

    Ne saa so na asuafo a wodii kan no nyaa wɔn nsɛso te sɛ yɛn dɔfo, Gyefo no. Mmere a saa asuafo no tee Yesu nsɛm no, wɔtee nka wɔ wɔn mu sɛ neho hia wɔn. Wɔhwehwee, na wohui, na wodii N’akyi. Wɔkaa Ne ho wd ofie, wɔ ɔpon ho, wɔ kokoam, wɔ sare so. Wɔkaa Ne ho sɛ adesuafo ne wɔn kyerɛfo, gye fii nanom nokware nsɛmpa kronkron no. Wɔdam No sɛ asomfo dan wɔn wura sua wɔn asɛde. Saa asuafo no yɛ nnipa “a wohu ade a yehu ara.” Yakobo 5 : 17. Na wɔwɔ ‘ɔko” korɔ yiara ma bɔne a ɛsɛsɛ wɔko. Ehiaa wɔn nhyira koro yiara bi a ɛbɛma wɔatra ase nkwa ahotew mu.KN 60.1

    Mpo Yohane, osuani a ɔbɔɔ no no, Ɔno a ne nsɛso yi Agyenkwa no adi no, annya saa suban fɛɛfɛ yi amfi awom. Na ɔnyɛ ahantan ne anuonyam pɛ nko, na mmom ɔyɛ huuhuu, bawpa-ni wɔ amane-hunu mu. Nanso suban a Ɔkronkron-ni koro yi ara yii nadi kyerɛɛ no no, ohuu nankasa ne tɔ a watom; na adesuade yi berɛɛ nase. Ahoɔden ne boasetɔ, tumi ne mmobrohunu,ɛsodi ne mmerɛwyɛ a ohuu wd Onyame Ba no daa fam asetra yi mu no, de nkamfo ne ɔdɔ hyɛɛ ne kara ma. Dabiara nkakrankakra, ɛtwetwee ne koma kɔɔ Kristo nkyen, kɔpem sɛ ɔne honam dii ntetew mu wɔ ne Wura no dɔ mu. N’apempemsi, ne nahopere su no gowe wɔ Kristo ‘ nwemfo tumi” no ase. Na awofofro ahoɔden a efi Honhom Kronkron no bɔɔ ne koma foforo bio. Kristo dɔ tumi no ye nsakrae-momono wɔ su mu. Eyi ne nokware aba a yenya fi yɛne Yesu biako-yɛ mu. Sɛ Kristo tra koma no mu a, na suban “mu” no asesa. Kristo Honhom ne Ne dɔ dwudwo koma no, brɛ ɔkara no ase, na ɛma adwene ne ɔpɛ so kyerɛ Onyame ne soro.KN 60.2

    Bere a Kristo foro kɔɔ soro no, Ne mmɛnkyee ho adwene daso wɔ N’akyidifo no nkyɛn. Na ɛyɛ koma mu mmɛnkyɛne, ɔdɔ ne hann ahyɛ mu. Yesu, Agyenkwa no a ɔne wɔn nantewe, kasae, bɔɔ mpae no, ɔno a waka wɔn anidaso ne ahotɔ ho nsɛm ma aka wɔn koma no, ɔno a bere a ɔdaso reka asomdwee asomasɛm no, wafa no afi wɔn nsam kɔ soro no, na ne nne nnyegyei asan aba wɔn nkyɛn bio se, mpo bere a abofo te sɛ ɔsoro wusiw regye no no, “Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” Mateo 28 : 20. Waforo kɔ soro wɔ oteasefo tebea mu. Na wohui sɛ Ɔwɔ Onyame atemmu agua no anim, sɛ wɔn adamfo ne wɔn Gyefo ara; sɛ Ne mmɔbrɔhunu ansesa; sɛ Ɔne amanehunufo adi afra. Na Ɔde n’ankasa ne mmogya dibere a ɛyɛ aboodenne no rekyerɛ Onyame, de Ne nsa ne n’anan a wofitii mu nso rekyerɛ, de akae won a wagye wɔn no ti bo. Wonim se waforo kɔ soro rekɔsiesie atrae ama wɔn, na ɔbɛsan aba bio, abɛfa wɔn akɔ ne nkyɛn.KN 61.1

    Na bere a wohyiae ne soro kɔ no akyi no, wɔn ho pere wɔn sɛ wɔde wɔn adesrɛde bɛkɔ Agya no anim wɔ Yesu din mu. Na komm-yɛ wɔ osuro mu na wobutuwi wɔ mpaebɔ mu, reti bɔhyɛ no mu, “bribiara a mobɛserɛ Agya no me din mu no, Ɔde bɛma mo. Ɛde bedu sesɛɛ de, monserɛɛ biribi me din mu e; monserɛ na mo benya, na mo anigye awie pɛ-yɛ. ‘ Yohane 16 : 23, 24. Na wɔteɛɛ wɔn gyidi nsa kɔɔ sorosoro wɔ adebisa kɛse mu. “Kristo ne nea owui, na mpo wanyan nso, na ɔte Nyame nifa so, nanso odi ma yɛn.” Rom. 8:34. Na Honhom Kronkron hwieguda no ma wɔtee asomdweemafo no nka, na Ɔno na Kristo kae sɛ, “ɔbɛtra mo mu.” Na waka bio se, “eye ma mɔ sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no maba mo nkyɛn.” Yohane 14 : 17; 16: 7. Efi nɛ enam Honhom no so, Kristo bɛtra ne mma komam’ daa nyinaa. Wɔne-No nkabom ntam kwan bɛne sen sɛ Ɔte ase no mpo. Hann no, ne dɔ, ne tumi a eft Kristo a ɔte wɔn mu no hyerɛn fii adi wɔ wɔn mu, kwan bi so a ɛyɛ ‘ nnipa,” nwonwa; na wohuu wɔn sɛ wɔ-ne Yesu na ɛtrae.” Asfsm. 4 : 13.KN 61.2

    Sɛnea Kristo te ma ne kan asuafo no nyinaa no, ɔhwehwɛ sɛ ɔyɛ ma Ne mma nnɛ yi, wɔ ne mpae a etwa to no mu no, ɔne n’asuafo dɔm ketewaa a wotwaa ne ho hyiae no, Ɔkae se, “Na ɛnyɛ eyinom nkutoo nti na mibisa,na wɔn a wɔnam wɔn asɛm so begye me adi nso nti.” Yohane 17 : 20.KN 62.1

    Yesu serɛ maa yɛn se, yɛn nyinaa nyɛ biako wɔ No mu sɛnea Ɔne Agya no nso yɛ biako no. Biakoyɛ bɛn na ɛne eyi sɛ! Agyenkwa no kae Ɔno ankasa ho se: “Ɔba no ankasa ntumi mmo Ne tirim nyɛ hwee;” “na Agya no a Ɔte Me mu no, Ɔno na Ɔyɛ nnwuma no.” Yohane 5 : 19; 14 : 10. Na sɛ Kristo te yɛn komam’ a, “Ɔnam N’aniso so yɛ ɔpɛ ne ɔyɛ adwuma” yɛn mu. Filipifo 2:13. Yɛbɛyɛ adwuma sɛnea ɔyɛe no; Yebeyi saa honhom no ara adi. Na sɛ yɛdɔ No tra No mu a, yebenyin “nneɛma nyinaa mu Kristo a Dne ti ho.” Efeso 4 : 15.KN 62.2

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents