Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 11—Mpaebɔ ho mfaso

    Onyankopɔn nam abɔde, adiyisɛm, Ne dom, ne Ne Honhom tumi so kasa kyerɛ yɛn. Nanso eyinom nko nnwie pɛ-yɛ; Ehia nso sɛ yebue yɛn komam’ ma No. Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbenya honhom mu asetra ne nsiyɛ no, ɛsɛsɛ ye-twiw bɛn yɛn soro Agya No yiye. Ɛsɛ sɛ yɛ-twe yɛn adwene gyina No so, dwennwen Ne nnwuma Ne mmɔborɔhunu ne Ne nhyira ho; nanso sɛ yɛdwen ho yiye a, yehu sɛ eyi nkyerɛ sɛ yɛne Nyame di nkɔmɔ. Yene Nyame redi nkɔmɔ a, ɛsɛ sɛ yɛka yɛn abrabɔ mu nsɛm kyerɛ No.KN 77.1

    Mpaebɔ ne sɛ yɛrehwie yɛn komam’ nsɛm ma Onyame sɛ yɛn adamfo. Nyɛ sɛ ehia sɛ yɛreyi yɛn suban adi akyerɛ No nko, na mmom sɛnea ɛbɛ-ma yɛanya No. Mpaebɔ ntwe Onyame mfi soro mma yɛn nkyɛn wɔ ha, na mmom ɛde yɛn kɔma no wɔ ɔsoro.KN 77.2

    Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛɛ N’asuafo sɛnea wɔbɔ mpae. Ɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn daa ahiade nto Onyame anim, na wɔmfa wɔn dadwen ne haw nyinaa nto No so. Ɛbɔ a Ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔbetie wɔn adesrɛ no yɛ yɛn nso de.KN 77.3

    Yesu ankasa bere a ɔte nnipa mu no na ɔtaa bɔ mpae. Yɛn Agyenkwa No ankasa huu yɛn ahiade ne yɛn mmerɛw-yɛ; Ne saa nti na ɔbɛyɛɛ yɛn dimafo, ɔkamafo a Ɔrehwehwɛ ahoɔden foforo fi N’agya nkyɛn de atumi asɔ adwuma ne sohwɛ mu. Ɔno ne yɛn nhwɛso ade nyinaa mu. Ɔyɛ yɛn mmerɛw-yɛ mu nua, “wɔasɔ No ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn de ara,” nansɔ esiane sɛ Ɔnni bɔne nti, N’ahonim twee No fii bɔne ho; Ohuu Ne kara mu amane ne ateetee wɔ bɔne wiase yi mu. Ɔbɛyɛɛ Ɔdesani nti mpaebɔ ho hiaa no. Ɔne N’agya nkɔmɔ twetwe ma No nyaa awerɛkyekye ne anigye. Na sɛ Onyame Ba a ɔyɛ nnipa agyenkwa no sɛ mpaebɔ ho hia No a, mpɛn ahe na adesa-mma a yɛyɛ mmerɛw wɔ bɔne ho enhia mpaebɔ a emu yɛ den? Yɛn soro Agya retwɛn sɛ ɔbehwie Ne nhyira no dodo ama yɛn. Yɛ-wɔ ho kwan sɛ yɛnom ɔdɔ a enni awiei no nsuten no bi. Ɛyɛ nwonwa se yɛ-ntaa mmɔ mpae! Onyame asiesie Ne ho, na Ɔpɛ nso sɛ obetie Ne mma mu nea osua koraa mpaebɔ; na-nso yɛtwentwɛn yɛn nan ase pii sɛ yɛ-de yɛn adesrɛ bɛto N’anim. Ɔsoro Abɔfo bɛdwen adasamma a sɔhwɛ abu wɔn so, a wɔyɛ mmɔbɔ na wontumi nnyɛ wɔn ho hwee bere a Onyame de Ne dɔ koma asiesie Ne ho bere biara mu sɛ ɔbɛboa wɔn asen nea wobisa anasɛ wɔ-hwehwɛ, nanso wɔnntaa mmɔ mpae na wɔn gyidi nso sua no ho dɛn ? Abɔfo pɛsɛ wɔkoto Onyame anim, wɔ-pɛ sɛ wɔ-bɛn No daa. Nea wɔpɛ titiriw ne sɛ wɔ-ne Nyame bedi nkɔmmɔ; nanso adasamma a ehia wɔn Onyame mmoa dodo no pene so sɛ wɔbɛfi Ne Honhom hann no ho, na wɔmmpɛ sɛ wɔne No bɛfa nnamfo koraa.KN 77.4

    ɔbɔne no sum no kata wɔn a wɔmmpɛ mpaebɔ no ho. ɔtanfo no nnaadaa asom’sɛm no gyigye wɔn ma wɔ-yɛ bɔne. ne nyinaa ne se wɔmmfa mpaebɔ ho kwan a onyame de ama wɔn no nnyɛ hwee. dɛn nti na onyame mma mmea ne mmarimma twentweɛn wɔn nan ase wɔ mpaebɔ ho, bere a mpaebɔ ne safe a gyidifo de bue ɔsoro pɔn nea ɔdomankama ademude a enni awiei wɔ? sɛ yɛammo mpae annwɛn daa a, ɛbɛba sɛ yɛbɛyɛ ani-bi-annahɔ atwe yɛn ho afi ɔkwan trenee no so. dtanfo no hwehwɛ daa sɛ ɔde hintidua bɛto ɔdom ahennua no kwan so na yɛammfa mpaebɔ ne gyidi annya ɔdom ne tumi a yɛde siw sɔhwɛ kwan no.KN 79.1

    Akwan bi wɔ hɔ a yɛnam so behu sɛ Onyame betie yɛn mpaebo. Emu biako ne sɛ yɛte nka wɔ yɛn mu sɛ yehia Ne mmoa. W’ahye bɔ sɛ, “Na Megu sukɔmdifo so nsu, ne asase kesee so nsuwa-nsuwa.” Yes. 44 : 3. Wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, wɔn a wɔhwehwɛ Onyame no nhu pefee sɛ wɔbɛ-mee. Ɛsɛsɛ wɔ-bue koma mu ma Ne Honhom tumi no, anyɛ saa a wɔrennya Onyame nhyira no.KN 79.2

    Yɛn ahiasɛm ankasa yɛ akyinnyegye a ɛhaw yɛn yiye. Nanso Awurade na ɛsɛ sɛ yɛ-hwehwɛ No ma Ɔyɛ eyinom nyinaa ma yɛn. Ose, “Mummisa, na wɔbɛma mo,” Na “Nea wankame N’ankasa Ne Ba, na mmom yɛn nyinaa nti Oyii No mae no, ɛbɛyɛ dɛn na Ɔremfa ade nyinaa nso nka No ho mmɛdom yɛn?” Mat. 7:7; Rom. 8 : 32.KN 80.1

    Sɛ yedi ahuhude akyi yɛn koma mu, na sɛ yɛ-tɔ kɔ so wɔ bɔne bi ho a, Awurade rentie yɛn; nanso mmɔboroni ne nea ne honhom apɛtɛ mpaebɔ de otie no daa. Sɛ yegyae bɔne a yenim nyinaa yɛ a, ɛsɛsɛ yegye di se Nyame betie yɛn adesrɛ. Yɛn ankasa yiyeyɛ rentumi mmfa yɛn nnu Onyame dom anim; Yesu nkutoo na obetumi agye yɛn nkwa, Ne mogya na ebetumi atew yɛn ho; nanso yɛ-wɔ adwuma yɛ ansa na wagye yɛn.KN 80.2

    Ade foforo a ɛboa mpaebo a edi nim ne gyidi. “Ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ N’akyi kwan no katuafo.” Heb. 11 : 6. Yesu see n’asuafo no sɛ, “Ade biara a mobɛserɛ mo mpaebo mu no, munnye nni sɛ mobenya na ɛbɛyɛ ama mo.” Marko 11 : 24. So yɛgye Ne nsɛm di ana?KN 80.3

    Onyame a wahyɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafo, N’asɛm no si pi, na enni awiei. Sɛ nea yɛbisa no yɛannya bere a yɛsrɛ no mu mpo a, ɛsɛsɛ yeda so gye di sɛ, Awurade te na ɔbebua yɛn mpaebɔ. Yɛyɛ mfomso dodo na afei ɔnnim a yennim no nti yɛtaa bisa nea ɛmfa nhyira biara mma yɛn; na yɛn soro Agya nam ɔdɔ so ma yɛn nnepa a yehia titiriw a sɛ anka Ɔrebue yen adwene mu ama y’ahu a, anka yebehu se eye ma yɛn titiriw. Sɛ yɛn adesrɛ ho mmuae kyɛ ba a, ɛsɛsɛ yɛkɔ so wɔ Ne bɔhyɛ no so ara, efisɛ bere no bɛba ama yɛn nsa aka nea ehia yɛn titiriw no. Na nso ɛyɛ nsusu hunu sɛ yɛbɛdwen sɛ daa yɛ-benya ade ko a y’asrɛ no ara wɔ bere ko no ara mu. Onyame yɛ Onyansafo kɛse nti Ɔnnyɛ mfomso, afei Oye dodo a Ɔ’remfa nneɛma pa nkame wɔn a wɔnam trenee mu no. Mpo sɛ woannya w’adesrɛ ho mmuae ntɛm a, nsuro sɛ wode wo ho bɛto No so. Twere Ne bɔhyɛ a ese, “Mummisa, na wɔbɛma mo” no. Mateo 7:7.KN 80.4

    Sɛ yɛdwennwen nsɛm a ɛyɛ hu na ɛma yɛn tirim yɛ yɛn keserenene, anasɛ yɛ-bɔ mmɔden sɛ yɛbɛdwennwen nea yentumi nhu mu yiye ho ansa na yɛanya gyidi a, ahoyera bɛdɔɔso na emu ayɛ den. Na sɛ yɛba Onyame nkyɛn wɔ yɛn mmerɛwyɛ ne sɛnea yɛdan yɛn ankasa yɛn ho sɛnea yɛte ampa no, na yɛde ahobrease ne gyidi ka yɛn ahiasɛm kyerɛ Nea Ne nyansa nni awiei, Nea Ohu abɔde mu nneɛma nyinaa, na Ɔnam Ne pɛ ne N’asɛm so di ade nyinaa so no a, Obetumi, na Ɔbɛpɛ sɛ Obetie yɛn sufrɛ, na Wama hann ahyeren yɛn koma mu. Yɛnam mpaebD a emu yɛ den so no Nea N’adwen nni awiei no di nkabom. Bere a yɛn Gyefo no tew N’anim kyerɛ yɛn ɔdɔ ne ayamhyehye mu no yenhu; nanso ɛte saa ara. Ebia yɛnnte Ne nsa a Ɔde ka yɛn no nka de nanso Ne nsa da yɛn so ɔdɔ ne mmɔbrɔnhunu mu.KN 81.1

    Sɛ ɛba sɛ yɛre-bɛsrɛ mrrɔborohunu ne nhyira afi Onyame nkyen a, ɛsɛsɛ yenya ɔdɔ ne bɔne fafiri honhom wɔ yɛn komam. Ɛbɛyɛ dɛn na y’abD mpae sɛ “Fa yɛn aka firi yɛn sɛnea yɛ-de firi wɔn a wɔde yɛn aka.” (Mat. 6:12.) Na nso yenni bɔne fafri hon hom ? Sɛ yɛ-pɛ sɛ wotie yɛn mpae bɔ a, ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde binom mfomso firi wɔn sɛnea yɛpɛ sɛ wɔde yɛn de firi yɛn no.KN 81.2

    Mpaebɔ ho mmDdenbD ma Onyame tie yɛn. Se yɛpɛ sɛ yɛ’nyin gyidi ne suahu mu a, etwa sɛ yɛ-bɔ mpae daa. Ɛsɛsɛ “yekura mpaebD mu ara,” na “yɛwɛn wɔ mu, aseda mu.” Rom. 12 : 12; Kol. 4:2. Petro tu gyidifo no fo sɛ, wɔmma wɔn “ani nna hɔ mma mpaebɔ.” 1 Pet. 4 : 7 (Twi 8). Paulo kyerɛ sɛ, “ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔserɛ, ɛne aseda mma mo-nsɛmmisa nnu Nnyankopɔn asom.” Fil. 4 : 6. “Na nso mo adɔfonom,” Yuda na ose, “momfa moho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae Honhom kronkron mu. Mfa moho nsie Onyame dɔ mu.” Yuda 20, 21. Daa mpaebɔ de nkabom a ɛto ntwa da ba nnipa ne Onyame ntam na aboa yɛn ama yɛanya Nyame-su wɔ yɛn asetram’; na kronnyɛ ne ahotew ayi adi wɔ yɛn asetram akyerɛ Onyame.KN 81.3

    Mpaebɔ ho hia daa; mma bribiara nsi wo kwan. bɔ mmɔden biara se wo-bɛma nkɔmmɔ-di a ɛda wo kara ne yesu ntam no atra hɔ. nya adagyew daa kɔ mpaebɔ. wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔne nyame di nkɔmmɔ no wobehu wɔn mpaebɔ bere mu, wobedi nokware wɔ wɔn nnwuma mu, na wɔde mmɔdenbɔ ne ɔtwɛn bɛhwehwɛ nhyira a wobenya afi mpaebɔm. bere biara bɔ mmɔden sɛ wobenya gyinabea bi a ɛbɛma wanya ɔsoro hann no.KN 82.1

    Ɛsɛsɛ yɛne yɛn fifo hyia bɔ mpae; na nea ɛsen ne nyinaa no; ɛnsɛsɛ yɛ-bu yɛn ani gu kokoam mpaebɔ so, efisɛ eyi ne onipa nkwa. Ɛyɛ den sɛ onipa benyin honhom mu bere a wabu nani agu mpaebɔ so. Ofie ana baguam’ mpaebɔ no Mpaebɔ-tiefo Nyame nkɔ na ɔte. Aso foforo a ɛyɛ nwonwa biara nni hɔ a ɛbɛte adesrɛ pii yi. Kokoamu mpaebɔ mu, onipa nya ne ho fi nsɛmansɛma a ɛbɛhaw no ho. Ɛyɛ komm de, na-nso den so na mpaebɔ no bedu Nyame nkyɛn. Tumi a efi Nea ohu kokoam’, na N’aso abɔne ama mpaebɔ a efi koma mu no bɛ-yɛ ahotɔ a ɛbɛtra hɔ daa. Onipa no nam gyidi ne kommyɛ so ne Nyame di nkɔmmɔ de pɛ Onyame hann a obetumi de ne ɔbonsam adi asi. Onyame ne yɛn ahoɔden kɛse.KN 82.2

    Bɔ mpae wɔ wo piam; na sɛnea wo-kɔ wo daa nnwuma ho no, ma wo koma nso mmɛn Nyame Saa na Henok ne Nyame nantee. Tirim mpaebɔ yi Sɔre sɛ duhuam wɔ ɔdom ahennua no anim. Nea ɔde ne koma to Onyame so sɛɛ no, ɔbonsam ntumi nni ne so nkonim.KN 82.3

    Bere ana bea biara nnihD a wɔbɔ mpae ma Nyame a ennye. Bribiara ntumi nsiw yɛn kwan sɛ yɛma yɛn koma so wɔ honhom mu rnpaebɔ mu. AbDnten so oo, adwuma mu oo, yetumi de yɛn adesrɛ ma Nyame, srɛ Ne honhom mmoa sɛnea Nehemia yɛe bere a obisaa n’ade wɔ Ɔhene Artasasta anim no. Baabiara yɛ mpabɔ-bea ma yɛn. £sɛsɛ yebue yɛn komam daa na yɛsrɛ Yesu sɛ Dmmɛtra mu.KN 82.4

    Ebia efi ana nneɛma bɔne pii atwa yɛn ho ahyia de, nanso mo mma’ yennnhome na’bofon’eno, na mmom yɛntra ɔsoro mframa pa no mu. Ɛsɛsɛ yesiw nsusuw bɔne ne adwenmmone biara ano, na yɛnam mpaebɔ pa so atwe ɔkara no abɛn Onyame. Wɔn a wDabue Wɔn koma mu regye Onyame nhyira ne mmoa no, bɛnante asetra pa a ɛsen wiase de mu, na wɔne ɔsorofo bedi nkɔmnrɔ daa. Ehia se yɛhu Yesu yiye, na yɛte mmeresanten mu ade-santen ase yiye. Ɛsɛsɛ kronkronyɛ hyɛ Onyame mma komam; na ansa na eyi bɛyɛ no, ɛsɛsɛ yɛsrɛ ma woyi soro nneɛma adi kyerɛ yɛn.KN 84.1

    Momma ɔkara no ntwiw mmɛn ɔsoro, na Nyame ama yɛn ɔsoro home no bi. Momma yɛn mpinkye Nyame yiye, na sɛ sɔhwɛ bi to yɛn mpofrim a yɛatwe yɛn adwene asi No so sɛnea nhwiren dan kɔ owia ho no.KN 84.2

    Fa wahiade, w’anigye de, w’awerɛwhow, wo dadwen-nehaw, ne wo suro to Nyame anim. Eyinom rennyɛ adesoa ne ɔhaw mma No. Nea otumi kan wo ti so nhwi nntwe Ne ho mfi Ne mma ahiade ho. “Awurade ayamye dɔɔso na Ɔyɛ tinɔbɔ. ‘ Yak. 5 : 11. Yɛn awerɛhow ne ɛho nkɔmmɔdi ka Ne koma. Bribiara a ɛhaw w’adwen no fa to Na-nim. Bribiara nni hɔ a ɛso dodow ma No sɛ Ɔbɛsoa, efisɛ Ɔno na Okura wiase ahorow mu, di ade nyina so hene. Yɛn asomdwoe ho ade ketewa biara nni hɔ a Onnhu. Yɛn kokoam nneyɛe biara nni hɔ a Onnhu; Ahoyeraw biara nni hɔ a Onyame ntumi mma yɛn mu asomdwoe. Amane biara ntumi nto Ne mma mu akumaa po, anibere biara ntumi nhwanyan ɔkara ani, anigye biara nni hɔ, mpaebɔ a efi komam biara nni hɔ a, yɛn soro Agya nhwɛ ana Ommua no ntɛm so. “Ɔsa wɔn a wɔn koma abubu, na Ɔkyekyere wɔn akuru.” Dwom 147 : 3. Abusua a ɛda Nyame ne ɔkara biara ntam no da adi pefee, na ɔkara biara nni hɔ a wammfa Ne Dɔ-Ba no amma no.KN 84.3

    Yesu kae sɛ, “Da no na mobɛserɛ me din mu, na minse mo sɛ mebisa Agya no mama mo: na Agya no ankasa pɛ mo asɛm,” “Me na mapaw mo, na biribiara a mobɛserɛ Agya no me din mu no, Ɔde bɛma mo.” Yoh. 16:26, 27; 15 : 16. Yesu din mu adesrɛ no nte sɛ Ne din a yɛbobɔ wɔ mpaebɔhunu mu no. Ɛsɛ sɛ yɛma adwene ne suban a ɛwɔ Yesu mu no tra yɛn mu, bere a yegye No di de yɛn ho to Ne dom so yɛ Ne nnwuma a Ɔyɛe.KN 84.4

    Onyame mpɛ sɛ yɛ-yɛ yɛn ho nkokorafo, twe yɛn ho fi wiasefo mu ansa na yeatumi de yɛn ho ama onyamesom. Ɛsɛ sɛ ɔbra no yɛ sɛ Kristo de — ka wiasefo ne Kristofo bom. Nea ɔnnyɛ hwee sɛ mpaebɔ nko no, ɛrenkyɛ na wagyae mpaebɔ, anasɛ nso ne mpaebɔ no bɛyɛ akasakasa hunu. Sɛ nnipa twe wɔn ho fi fekuw mu, fi Kristo som adwuma ne asɛndua soa ho, sɛ wɔgyae se wɔbɛyɛ adwuma pa ama Owura a Ɔyɛ adwuma nokware mu ma wɔn no a, na wayera mpaebɔ mu ade titiriw, na onni ahofama ho akokuoduru. Wɔn mpaebɔ dan pɛsɛmenkominya mpaebɔ. Wontumi mmɔ mpae mma nea ehia adesamma ana sɛnea Yesu ahenni no bɛsɔre, ana ahoɔden a wobetumi de ayɛ adwuma.KN 85.1

    Sɛ yɛbu yɛn ani gu so sɛ yebehyiam ahyehyɛ yɛn ho yɛn ho den wɔ Nyamesom ho a, yɛ-hwere ade kɛse. Ne nokware Asɛm no ntumi nnyi adi pefee wɔ yɛn adwene mu. Yɛn koma gyae sɛ ɛbɛma N’ahotew tumi no ahyerɛn wɔ mu na akannyan no, na yɛhwere ade kɛse efisɛ yennhu yɛnho-yɛnho mmɔbɔ. Nea ɔto neho pon mu no ntumi nnyɛ nea Nyame ayi no asi hɔ sɛ ɔnyɛ no. Sɛ yɛhwɛ afekuwbɔ suban a ɛwɔ yɛn mu no so yiye a, ɛma yehu afoforo mmɔbɔ na ɛno na yɛnam so nya nkɔso ne ahoɔden de yɛ Onyame adwuma. Sɛ Kristofo hyia mu, keka Onyame dɔ ne nkwragye ho nsɛm a ɛsom bo no kyerɛkyerɛ wɔnho — wɔnho a anka wɔn koma no bɛyɛ foforo, akeka wɔnho-wɔnho hyew. Anka daa yɛbesua yɛn soro Agya no ho nsɛm, anya Ne dom no ho osuahu foforo; ɛno na yebenya ɔpɛ a yɛde bɛka Ne dɔ no ho asɛm; na sɛ yɛ-yɛ eyi de a, ɛbɛka yɛn koma hyew ama yɛanya akokoɔduru. Sɛ yɛdwen Yesu ho ka Neho nsɛm dodo kyɛn sɛ yɛdwen na yɛka yɛn ankasa ho nsɛm a, yebehu No yiye.KN 85.2

    Sɛ yɛbɛdwen Onyame ho sɛnea yɛtaa nya adansedi wɔ ɔhwɛ a Ɔhwɛ yɛn so no ho a, anka ɛsɛ sɛ yɛdwɛn No ho daa nya ɔpɛ sɛ yɛbɛka Ne ho nsɛm ayi no ayɛ. Yɛkeka nneɛma a ɛnkyɛ mutwa ho nsɛm efisɛ yɛn anigye ho. Yɛkeka yɛn nnamfonom ho nsɛm efisɛ yɛdɔ wɔn; wɔne yɛn bom di yɛn awerɛhow ne yɛn anigye. Na nso anka yɛ-wɔ ade titiriw bi a yegyina so dɔ Nyame sen yɛn fam ha nnamfo-nom. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn awo-su wɔ wiase yi mu sɛ yɛbɛdwen Onyame ho kan aka Ne yiyeyɛ ne Ne tumi ho asɛm. Onyame ammfa akyɛde pa amma yɛn sɛ ɛnkata yɛn adwen ne dɔ so a yɛmmfa hwee nnna No ase; etwa sɛ daa ɛma yɛkae No, na ɛde yɛn bata soro Agya no dɔ ne na’yamye ho. Yɛaka fam dodo. Mo mma yɛmma yɛn ani so nhwc ɔsoro trabea kronkron pon a wɔahiɛ, nea Nyame anuonyam hyerɛn Yesu a obetumi agye wɔn a “wɔnam No so ba Nyame nkyɛn,” no anim. Heb. 7 : 25.KN 86.1

    Ehia sɛ, yɛkamfo Yehowa, “N’adɔe ho ne N’anwonwade, nnipa mma mu.” Dwom 107 : 8. Mo-mma yɛn adesrɛ no nnyina ɔsrɛ ne ogye nko so. Momma yɛnnwɛnwen yɛn ahiade nko ho daa, a yɛnnwen nea ɔyɛ ma yɛn no ho. Yɛyɛ nkyekye wɔ aseda ho sen nea yebisa ho. Yɛn na yenya Onyame mmoborohunu, nso hwɛ sɛnea yɛn ayɛyi ne aseda sua fa.KN 87.1

    Yehowa hyɛɛ Israel tete bere so bere a wohyiam sɛ wɔrebɛsom No no sɛ, “Munnidi hɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afi ani nnye ade nyinaa a mode mo nsa ka a Yehowa wo Nyankopɔn de ahyira wo no mu.” 5 Mose 12 : 7. Nea wo-yɛ de hyɛ Onyankopɔn anuonyam no, ɛsɛ sɛ wode anigye, ayɛyi ne aseda nnwom yɛ; nnyɛ awerɛhow ne kusuuyɛ mu.KN 87.2

    Yɛn Nyame yɛ ‘timɔbɔ Agya. Ɛnsɛ sɛ yebu Ne som no sɛ awerɛhow ne amanehunu ade bi. Ɛsɛsɛ yɛde ahosɛpɛw som Yehowa na yɛyɛ N’adwuma no bi. Onyame mpɛ sɛ ne mma a won nti Ɔde nkwagye kwan kɛse ama no bu no sɛ ɔyɛ Owura tirimɔdenfo. Ɔyɛ wɔn adamfo pa; na sɛ wɔsom No a, ɔhwehwɛ sɛ ɔba wɔn ho, hyira wɔn kyekye wɔn werɛ, de anigye ne ɔdɔ hyɛ wɔn koma ma. Yehowa pɛsɛ Ne mma nya awerɛkyekye wɔ ne som ho, na wonya ahosɛpɛ sen abɛbrɛsɛ wɔ N’adwuma mu. Ɔpɛ sɛ wɔn a wɔbɛsom No no, fa Ne dɔ ne Ne hwɛ a ɔhwɛ wɔn no ho adwenpa san kɔ, de kogye wɔn ani wɔ wɔn daa nnwuma ho na wɔanya ɔdom de adi nokware daa wɔ bribiara mu.KN 87.3

    Ɛsɛ sɛ yetwa asɛndua no ho hyia. Kristo a wɔbɔɔ no asendua mu no na ɛsɛ sɛ Ɔyɛ adwennwen nkɔmmodi, ne yɛn anigye kɛse a ɛkyɛn so. Ɛsɛ sɛ yɛkae nhyira biara a yenya fi Onyame nkyɛn na sɛ yehu Ne dɔ kɛse no a, yɛanya ɔpɛ de ade nyinaa ahyɛ nsa a yɛn nti wɔde no fam dua ho no mu.KN 87.4

    Ayɛyi de ɔkara no bɛbɛn ɔsoro. Ɔsoro hɔ, wɔde dwomto ne ayeyi na ɛkamfo Nyame, nasɛ yeyi yɛn ayɛyi ne aseda adi a, na yɛ-resua ɔsorofo som no. “Nea ɔde aseda bɔ afɔre no hyɛ Me anuonyam.” Dwom 50 : 23. Mo-mma yɛmfa “anigye a obu wɔ mu no ne aseda ne dwonto nne,” Yes. 51:3. mmera yɛn Bɔfo no anim.KN 87.5

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents