Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 3—Adwensakra

    Onipa bɛyɛ dɛn na wadi mu wɔ Onyankopɔn fam? Ɔbɛyɛ dɛn na wayɛ ɔtreneeni? Gye sɛ yɛnam Kristo nkutoo so na yebetumi ne Onyame ayɛ biako wɔ ahotew mu; na yɛbɛyɛ dɛn na yɛakɔ Kristo hɔ? Nkurɔfo pii rebisa asɛm a bebree bisae Pentekoste da no bere a asɛm no wosoo wɔn komam’ no sɛ “Den na yɛnyɛ” ? Asɛm a edi Petro muae no kan ne sɛ “Monsakra mo adwene.” Asfm. 2 :38. Ankyɛ osii so bio sɛ, “Monsakra mo adwene na mo nnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne.” Asmf. 3:19.KN 19.1

    Bɔne ho awerɛhowdi ka adwensakra ho, na sɛ yɛbɛdan yɛn ho afi ho nso ka ho. Yɛrenyi bɔne adi gye sɛ yɛ hu ne suban bɔne no ansa; sɛ yɛannan yɛn ho ammfi ho koma mu a, na yɛnnsakrae ɛ. Dodo no ara nte adwensakra ase yiye. Pii no ara di awerɛhow sɛ wɔayɛ bɔne esiane sɛ wosuro sɛ ɛde asotwe bɛba wɔn so nti. Wɔkyerɛ ani ani adwensakra. Eyi nyɛ Kyerɛw Kronkron mu adwensakra. Wosuro asotwe no sen bɔne no ankasa. Saa awerɛhow yi bi na Esau dii bere a ohuu sɛ panyinni no ahwere no koraa no. Bileam huu ɔbɔfo a ɔde nkrante gyina ɔkwan mu n’anim no, onuu ne ho wɔ ne bɔne ho, sɛ ebia obekum no nti. Eyi nyɛ bɔne ho adwensakra pa, na onkyii bɔne ɛ. Yuda Iskariot yii ne wura mae wiei no, ɔteɛɛm se, “mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama.” Mat. 27:4. Ɛnam afobu a ɛbɛba ne so nti na ɔde biara kaa ne bɔne saa na ɛnnyɛ sɛ aka ne koma sɛ wayɛ bɔne. Nea ɛbɛba ne so nti ehu kaa no, nanso annka ne koma yiye sɛ wayi Onyankopɔn Ba a onni nkekae no ama, na ɔpoo Israel Kronkronni no. Farao huu Onyankopɔn asotwe mu amane no, ɔkaa ne bɔne, nanso oyaredɔm no twaam’ pɛ ɔsan kƆƆ ne bɔne ho. Eyinom nyinaa dii bɔne asotwe ho awerɛhow, na bɔne no ankasa de wɔanni ho yaw.KN 19.2

    Sɛ koma no twe bata Onyame Honhom tumi no ho a, na adwene no kanyan, na afei ɔbɔnefo ate Onyankopɔn Mmara kronkron a ɛyɛ N’ahenni nyinaso wɔ ɔsoro ne asase so no mu dɛw. “Nokware hann a ɛtew nnipa nyinaa mu no na ɛreba wiase” (Yoh. 1:9). Ɛma ɔkara hann, na ɛma nneɛma a ahinta sum mu no nyinaa da adi. Ntease pa ba adwene ne koma mu. Ɛma ɔbɔnefo nya Yehowa trenee ho adwene, na onya suro sɛ ɔde mfomso ne fi bepue nea ɔpɛɛpɛɛ koma mu nsɛm no anim. Ohu Onyame dɔ, Ne kronkronyɛ mu ahoɔfɛ, ahotew mu anigye; na ne kɔn dɔ ahotew, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔne ɔsorofo bɛbom.KN 21.1

    Dawid mpae a ɔbɔe n’asehwe akyi no kyerɛ bɔne ho awerɛhow di. N’adwensakra no som bo, na emu nso dɔ. Wankata ne bɔne no so na wansuro ɛho asotwe nso. Dawid huu ne nfomso ne sɛnea ne kara ho agu fi; ɔpoo ne bɔne. Nnyɛ sɛ ɔpaa ho kyɛw nko, bɔne ho kyɛwpa mpaebɔ nko ansɔ nani, na mmom ɔbɔɔ mpae serɛɛ komamtew. Ne kɔn dɛɛ kronkron mu anigye — sɛ obedi mu wɔ Onyame fam’. Ne mu asɛm ni: ‘Nhyira ne nea wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so Nhyira ne onipa a Yehowa mmu n’amunɔyɛ nnu no so, na nnaadaa nni ne honhom mu.’ Dwom 32 : 1, 2. “Onyankopɔn hu me mmɔbɔ, sɛ wo adɔe te no; wo mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti popa me mmarato. Fa hisope yi me ho bɔne, na me ho afi; guare me na mayɛ fitaa asen nsukyerɛma. Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu. Onyankopɔn, me nkwagye Nyankopɔn, gye me fi mogya ho fɔ mu, na me tɛkrɛma ato wo trenee ho ahurusi dwom.” Dwom 51:114.KN 21.2

    Adwensakra a ɛte sɛɛ yi boro yɛn ankasa adwene so; Kristo a ɔforo kɔɔ soro na ɔde akyɛde akyɛ adasamma no nko hɔ na yenya fi.KN 22.1

    Nkurɔfo yɛ mfomso wɔ eyi ho nti Kristo mmoa a ɔde boa adasamma no bɔ wɔn. Wɔdwen sɛ wɔba Kristo hɔ a ɛnyɛ yiye gye sɛ wɔnnu wɔn ho ansa, na ɛnam ahonnu no so a, wɔapopa wɔn bɔne. Ɛyɛ nokware sɛ ahonu di bɔne fafiri anim; esiane sɛ koma a abubu ne bɔne ho no nko na etumi te ase sɛ ohia Agyenkwa. So ehia sɛ ɔbɔnefo twɛn kosi sɛ wannu ne ho ansa na watumi aba Yesu hɔ ana? So adwensakra betumi asi ɔbɔnefo ne Agyenkwa no ntam kwan?KN 22.2

    Kyerɛw’ kronkron nkyerɛ sɛ etwa sɛ ɔbɔnefo sakra anasɛ onnu ne ho ansa na watie Kristo frɛ, “Mo a moyɛ adwuma brɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommera me nkyɛn, na mɛma mɔ ahome.” Mateo 11 : 28. Ahoɔden a efi Kristo mu no na ɛma adwensakra pa. Petro kyerɛɛ asɛm yi mu pefee bere a ɔkasa kyerɛɛ Israel mma no sɛ, “Ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ Ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmaa Israel adwensakra ne bɔne fafiri.” Asfm. 5 : 31. Kristo honhom nka ho a yɛrenntuumi nnya adwensakra da, anasɛ yɛkwati Kristo a yɛrennya bɔne fafiri.KN 22.3

    Kristo yɛ adwene pa nyinaa ti. Ɔno nko na otumi de bɔne ho tan dua onipa komam. Sɛ yenya ɔpɛ wɔ nokware ne ahotew ho, ne bɔne ho ahonnu a, ɛyɛ adansedi sɛ Ne Honhom no rekanyan yɛn koma.KN 22.4

    Yesu aka sɛ, “Na Me de, sɛ wɔma me so fi asase so a. mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.” Yoh. 12 : 32. Ɛsɛ sɛ yeyi Kristo kyerɛ ɔbɔnefo sɔ agyenkwa a Ɔrewu ama wiase bɔne; na sɛ yɛhwɛ Onyame Guammaa wɔ Golgata asɛndua no so a, afei na ogye tumi no aba yɛn adwene mu. Afei Onyame ayamye no gya yɛn kɔ adwensakra mu. Kristo wu no kyerɛɛ ɔdɔ bi wɔ abɔnefo ho a enni kabea, na sɛ ɔbɔnefo hwɛ saa ɔdɔ yi a ɛdan n’adwene; na onu ne ho.KN 22.5

    Ɛtaa ba sɛ abɔnefo ani wu wɔn nnebɔne ho, na wogyae wɔn suban bɔne no bi, ansa na wɔahu sɛ Yesu retwe wɔn. Na wofi ase sɛ wɔresakra a, na ɛyɛ Kristo tumi na ɛretwe wɔn. Tumi a wɔnnte nka wɔ wɔn mu no, yɛ adwuma wɔ wɔn kara mu, na ɛhyɛ wɔn adwene den, na wɔn asetra no yɛ yiye. Na sɛ Kristo twe wɔn ma wɔhwɛ N’asendua no, ma wɔhwɛ nea wɔn bɔne apira No no a, ɛma Onyame mmara no yi adi wɔn mu. Afei wɔn suban bɔne, ne bɔne a agye ntini wɔ wɔn mu no yi adi kyerɛ wɔn. Na afei wofi ase hu Kristo trenee nti wɔka sɛ, “Bɔne ne dɛn a ehia afɔrebɔ kɛse sɛɛ a abɔnefo nam so benya nkwagye? So ehia ɔdɔ kɛse, amanehunu, ahobrɛase sɛɛ ansa na yɛanyera na yɛanya daa nkwa?KN 23.1

    Ebia sɛ ɔbɔnefo bɛpo saa ɔdɔ yi, apo Kristo nkyɛn kɔ, na sɛ wammpo de a, ɛbɛtwe no akɔ Yesu nkyɛn. Nkwagye ho dwen begya no akɔ asɛndua no ase, bɔne ho adwensakra mu ɛno a ɛma Onyame Dɔba no huu amane.KN 23.2

    Onyame Honhom Kronkron a ɛreyɛ adwuma wɔ abɔde mu no, ɛno ara rekasa akyerɛ nnipa koma, na ɛkanyan wɔn ma wɔhwehwɛ nea wonni. Wiase yi mu ade dodow no ntumi nsɔ wɔn ani. Onyame Honhom hyɛ wɔn ma wɔhwehwɛ nneɛma a ebetumi ama wɔn asomdwoe ne ɔhome a ɛne Kristo dom ne ahotew mu anigye. Yɛn Agyenkwa nam tumi a wohu ne nea wonhu so reyɛ adwuma daa retwe adesa adwene fi bɔne ade dodow a entumi nsɔ ani no mu kɔ daa nhyira a ɛbɛyɛn wɔn wɔ Ne mu no ho. Akara a wɔrebrɛ kwa hwehwɛ wiase yi mu nsu a entumi nkum osukɔm no, wɔka kyerɛ wɔn se, “Ma nea osukɔm de no mmera, na nea ɔpɛ mmɛgye nkwa nsu no kwa.” Adiyisɛm 22 : 17.KN 23.3

    Wo a wo kɔn dɔ ade pa a wiase yi rentumi mma no wo koma mu no, saa akɔnnɔ yi yɛ Onyame na ɔrefrɛ wo kara. Bisa Ne hɔ adwensakra, ma Onyi Kristo nkyerɛ wo wɔ Ne dɔ a ɛsom bo no ne N’ahotew mu. Onyankopɔn mmara, a ɛne sɛ dɔ Onyame ne adesa no, yi adi pefee wɔ Agyenkwa no bra mu. Papayɛ ne nidɔ yɛ Ne suban. Sɛ yegye no sɛnea yegye hann Agyenkwa hɔ no a, yebe hu sɛ bɔne ayɛ yɛn koma ma.KN 23.4

    Ebia yɛadaadaa yɛn ho sɛ yɛn bra yi ye tesɛ Nikodemo, sɛ yɛn honam mu bra teɛ, a yɛdwɛn sɛ ennhia sɛ yɛbrɛ koma no ase Nyame anim sɛ ɔdebɔneyɛni, nanso sɛ yɛn kara nya Kristo hann no a afei yɛbehu sɛ bɔne nti yɛn ho ntew koraa; ɛbɛma yɛ-afi pɛsɛmenkominya a asɛe yɛn bra, na afei ɛyɛ Onyame akyide no ho. Ɛno na afei yebehu sɛ yɛn ankasa trenee yɛ ntamago fifi, na sɛ Kristo mogya nkutoo na ɛtew yɛn ho fi bɔne nkekae mu, na ɛma yɛn koma foforo a ɛsɛ Ne de no.KN 24.1

    Onyankopɔn nkyɛn anuonyam kakra anasɛ Kristo ahotew no ho kakra, tumi ma adesa bɔne da adi pefee, na ɛma yehu sɛnea yɛn suban akyea afa. Ɛma ɔpɛ a ɛho nntew, nkontompo koma ne kasa fi yi adi. Ɛma ɔbɔnefo suban bɔne a ɔde asɛe Onyame mmara, a ama ɔne Onyankopɔn ntam ate no da adi, na ɛtwe ne honhom hyɛ Onyame Honhom tumi ase. Sɛ ɔhwɛ Kristo suban a nkekae biara nni mu no a ɛma ne ho fono ne ho.KN 24.2

    Odiyifo Daniel huu soro ɔbɔfo no anuonyam no, ɛma ohuu sɛ ɔyɛ merɛw na ne ho agu fi koraa. Ɔka wɔ saa adehu yi ho se, “Na ahoɔden bi anka me mu, na m’ahoɔfɛ dan yɛɛ mmɔbɔmɔbɔ, na mannya ahoɔden biara.” Dan. 10:8. Ɔkara a aniso-adehu yi tɔ ne so no bɛpo pɛsɛmenkominya, honam akɔnnɔ, na ɔnam Kristo trenee so bɛhwehwɛ komam-tew a ɛne Onyame mmara ne Kristo suban kɔ pɛ no akyi kwan.KN 24.3

    Paulo ka se, “Mmara mu trenee fam, wɔannunu me.” (Fil. 3 : 6.) Eyi kyerɛ ɔhonam fam de; na honhom fam de ohuu sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo. Sɛ yɛfa no wiase fam a, Paulo huu sɛ bɔne bi nni ne ho, nanso bere a ohuu sɛ Onyame ahotew no mu dɔ no, na ɔtee ase sɛ Onyame hu ne nneyɛe no, ɔbrɛɛ ne ho ase koto kaa ne bɔne. Ose: “Mekwati mmara no me traa ase pɛn: na ahyɛde no bae no, bɔne nyane bio, na me de, miwui.” Rom. 7:9. 10. Ohuu mmara suban honhom mu no, bɔne yɛɛ no tan dodo, na ɔpoo n’ahomaso.KN 24.4

    Onyame mmu bɔne nyinaa pɛ; bɔne biara wɔ n’asotwe wɔ Onyame hɔ, sɛnea onipa de te ara; nanso onipa ani so de, sɛ bɔne yi ana eyi nnyɛ hwee a, Onyame de, ɛso N’ani so. Adesa atemmu kyeakyea enni mu: na Onyame de, sɛnea ɛte pɛpɛɛpɛ ho atemmu na obu.KN 25.1

    Wobu ɔsadweam animtia se no sɛ ne bɔne besiw no sorokɔ ho kwan, na ahantanfo, pɛsɛmenkominyafo ne aniberefo de wɔnnka wɔn hwee. Nanso ne bɔne a Onyame kyi titiriw, efisɛ ɛne N’ayamye ne Ne dɔ suban a pɛsɛmenkominya nnim no bɔ abira koraa. Nea ɔyɛ bɔne akɛse bi no, ebia n’ani wu wɔ ho, na ohu ohia a ehia no Kristo dom no: na ɔhantanni de onnhu hia a ehia Kristo, na osiw nhyira a Ɔbɛmae no kwan.KN 25.2

    Ɔtowgyeni mmɔborɔni a ɔbɔɔ mpae se, “Onyankopɔn dom me debɔneyɛfo” no Luka 18 : 13 buu neho sɛ ɔbɔnefo kɛse, na afoforo nso buu no saa ara; nanso ohuu n’ahiade, na ɔde ne bɔne adesoa baa Onyame anim, bebisaa Ne mmɔborohunu. Ne koma bue maa Onyame Honhom yɛɛ Ne dom adwuma no, na eyii no fii bɔne tumi ase.KN 25.3

    Farisini ɔhantanni a obuu neho ɔtreneeni no mpaebɔ no kyerɛɛ sɛ ne koma pɔn mu ato atia Honhom Kronkron tumi no. Ɛnam sɛ ɔne Nyame ntam ware nti, wanntumi anhu sɛ ne ho agu fi, na ɔtɔ sin wɔ ahotew kronkron no mu. Wanhu sɛ ehia no biribi, enti ne nsa anka hwee.KN 25.4

    Se wuhu wo bɔne a, mmɔ w’adwensakra nto hɔ. Nnipa ahe ara nko na wɔdwen sɛ wɔba. Yesu nkyɛn a wɔmmfata. So wo betumi afa wankasa mmɔdenbɔ so adi mu? “So obibini betumi asakra ne were, anasɛ ɔsebɔ bɛdan ne ho nworanworan? ɛn’de mo nso mobetumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwa mo.” Yeremia 13 : 23. Onyame hɔ nko na yɛn mmoa wɔ. Ɛnse sɛ yɛtwɛn afotu dennen, bere pa, anasɛ su pa bi ansa. Yɛrentumi mfa yɛn ankasa ahoɔden nyɛ hwee. Sɛnea yɛte ara ɛsɛ sɛ yɛkɔ Kristo nkyɛn.KN 25.5

    Nanso mma obi nnaadaa ne ho sɛ Onyame yɛ dɔ ne mmɔborɔhunu nti ɔbɛgye wɔn a wɔapo Onyame dom no. Asɛndua ho hann no na etumi yi bɔne biara adi. Sɛ adesa dwen se Onyame ye dodo nti Ɔrentumi mpo ɔdebɔneyɛfo a, ma wɔnhwɛ Golgata. Efisɛ na ɔkwan biara nni hɔ a onipa nam so benya nkwa, na sɛ afɔrebɔ yi amma a anka onipa rentumi mfi bɔne mu da; anka ɔbɛyɛ dɛn na ɔne akronkronfo abom daakye-anka ɔrentumi mmu trenee bra; eyi nti na Kristo faa asoɔdenfo afobu too Ne ho so huu bɔne ho amane. Onyame Kwame Ba no dɔ, amanehunu ne owu no nyinaa kyerɛ sɛ bɔne nyɛ koraa, afei sɛ yɛammrɛ yɛn ho ase Kristo mu a, yerentumi nnye yɛn ho mmfi ne tumi mu.KN 25.6

    Wɔn a wɔnsakrae no ka wɔ wɔn a wɔnnyɛ nokware Kristofo no ho sɛ, “Me nso me te sɛ wɔn ara. Wɔ mpaa wɔnho akyi, wɔn ani nnahɔ, na wɔnnyɛ pɛ wɔ wɔn suban mu nsen me. Wɔdɔ anigyede ne wiase akɔnnɔ sɛ me ara.” Sɛɛ na wɔnam ebinom mfomso so bu wɔn ani gu wɔn ankasa adwensakra so. Obi bɔne nkekae mma ɔfoforo kwan sɛ ɔno nso nyɛ bi; efisɛ Onyame amfa onipa a otumi yɛ bɔne amma yɛn nhwɛso. Onyame Ba a onni nkekea no ne yɛn nhwɛso, na wɔn a wɔbɔ wɔn a wɔnnyɛ nokware Kristofo kwaadu no, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ suban pa, na wɔma nhwɛso pa. Na sɛ wonim senea ɛsɛ Okristoni bu ne bra, na sɛ wɔn ankasa mmu bra pa a, na wɔn bɔne no nyɛ kɛse nsen wɔn de ana? Wonim nea eye, nanso wɔnnyɛ.KN 26.1

    Monhwɛ mo ho yiye mmɔtohɔ ho. Mmɔ nto hɔ sɛ wo — bɛ — tow wo bɔne akyene na wonam Yesu so ahwehwɛ komamtew. Eyi na mpem-mpem di ho fɔ no a ɛde wɔn kɔ ɔyera mu. Wiase suban kontonkye ne nkwa tiaa no de merensee bere wɔ ho; na mmom musu kɛse di yen anim — musu a adwen ntumi nte ase — sɛ yɛretwentwɛn yɛn nan ase wɔ Tweaduampɔn Honhom Kronkron frɛ ho, na yɛapaw sɛ yɛbɛtra bɔne mu; eyi ne mmɔtohɔ no. Bɔne, sɔ yehu no ketewa dɛn ara na yebu yɛn ani gu so a, ɛde yɛn bɛyera. Nea yenni so nkonim no, ebedi yɛn so nkonim de yɛn akɔ ɔsɛe mu.KN 26.2

    Nananom Adam ne Hawa daadaa wɔn ho susui sɛ, sɛ wodi dua a Onyame hyɛɛ wɔn ho mmara no bi a ade ketewa yi de erentumi mfa asotwe kɛse a Tweaduampɔn kae no mma wɔn so. Nanso wɔnam ade kakra yi so too Onyame mmara kronkron a ɛnsesa da no, na ɛtee onipa ne Onyame ntam, maa owu ban no tuei, ma musu a enni kabea aba wiase. Mfe a ɛkɔ no nyinaa mu adesa-mma agyaadwo KƆƆ soro daa, na onipa asoɔden no ama abɔde nyinaa pene-pene wɔn yam. Onyame so atuate yi aka ɔsoro mpo. Golgata gyina hɔ sɛ Onyame mmara so asoɔden no mpata afɔre no ho adanse. Mo mma yenni bɔne ho fɛw.KN 26.3

    Bɔne ketewa biara, anasɛ yebu yɛn ani gu Kristo dom no so a, ɛdan ba yɛn ankasa so, na ɛma yɛn koma pirim deneenen pa; ɛpopa Kristo ho adwen a ɛwɔ yɛn mu no, ɛma yɛyɛ mmerɛ wɔ Kristo ho ntease mu; ɛnyɛ eyinom nko na mmom ɛma nnahɔɔ tɔ yɛn so a Onyankopɔn Honhom frɛ no yɛnte koraa.KN 27.1

    Dodow no ara haw wɔn ho dwen sɛ bere a wɔpɛ biara wobetumi adan wɔn ho afi bɔne kwan so; wɔdwɛn sɛ wosiw wɔn aso tia ahummɔbɔ frɛ no a bere bi wobenu wɔn ho. Wosusuw sɛ, sɛ wɔhow Honhom no werɛ na wɔde wɔn ho to Satan so a, mmere a emu yɛ den mu wobetumi asakra. Ɛntaa mma saa koraa. Yɛn asetra mu suahu ne ɔyɛn akokwa yɛn nti kakra bi na wɔpɛ sɛ wɔhwɛ Yesu suban.KN 27.2

    Suban bɔne biako anasɛ bɔne pɛ a yɛn adwen gyina so daa no besiw asɛmpa no tumi ho kwan. Bɔne biara a yɛyɛ no tew ɔkara no fi Onyame ho. Onipa a onnye Nyankopɔn nni, na ommu Nyame nokware no, ɛkyerɛ se bɔne aba a wagu no na ɔretwa. Kyerɛwsɛm mu nyinaa bɔne ho asɛm biara nni hɔ a ɛyɛ hu sɛn onyansafo no de no a ese “Ɔbɔnefo nnebɔne hama kyere no.” Mmeb. 5 : 22.KN 27.3

    Kristo ayɛ ahoboa repɛ agye yɛn, na nso ɔnhyɛ, na ɛnam bɔne nti sɛ ɔpɛ a ɛwɔ yɛn mu no kyea kɔ bɔne nko so, na yɛmpɛ sɛ Ogye yɛn, na sɛ yɛ-po ɔdom no a, dɛn bio na yɛhwehwɛ sɛ Kristo yɛ ma yɛn ? Ne dɔ a yɛapo no kyerɛ sɛ yɛasɛe yɛn ho. “Hwɛ, afei ne ɔdom bere, hwɛ nnɛ ne nkwagye da.” 2 Korin. 6:2. “Ɛnɛ sɛ mote ne nne a, mummpirim mo koma.” Hebrifo 3:7,8.KN 27.4

    “Na onipa hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.” 1 Sam. 16:7. Ɔdesani koma a awerɛhow ne anigye redi aprepre wɔ mu, kobɔni a nnebɔne ne nnaadaa ahyɛ no ma. Kristo nim emu nsɛm, ne nea ɛrehwehwɛ. Fa wo bɔne nkekaawa no saa ara kɔ Ne nkyɛn. Sɛnea odwontofo no yɛe no, bue wo koma pon ma nea ohu ade nyinaa no na ka se, “Onyame hwehwɛ me mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene, na hwɛ sɛ amane kwan bi wɔ me hɔ, na gye me kɔ daa kwan so.” Dwom 139 : 23, 24.KN 29.1

    Dodow no ara pɛ wiase nimdeɛ, anyamesɛm, wɔde wɔn anim kyerɛ Onyamesompa bere a koma no nso mu aporɔw koraa. Momma eyi nyɛ mo mpaebɔ sɛ, “Onyankopɔn bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.” Dwom 51 : 12 (Brofo 51 : 10). Di nokware ma wankasa wo ho; owu mu oo, nkwa mu oo, di nokware. Eyi yɛ asɛm a ɛda wo ne Onyame ntam a ɛsɛ sɛ wo dwen ho yiye; dwen nea wobɛyɛ wo ho prɛko. Sɛ wo-de w’adwene bu nneɛma hunu a wobɛyera wɔ kara.KN 29.2

    Fa mpaebɔ sua Onyame asɛm. Asɛm no nam Onyame mmara ne Kristo suban so yi ade a ɛde ahotew ba no kyerɛ, ɛno “a obi kwati a ɔrenhu Awurade no akyi.” Heb. 12 : 14. Eyi bɔne kyerɛ, abɔ nkwagye kwan no ato hɔ fann. Sɛnea Onyame ankasa nne rekasa kyerɛ wo kara yi, tie no yiye.KN 29.3

    Sɛnea wo hu bɔne sɛ ɛte, na wuhu wankasa sɛnea wote no, mma waba mu mmu. Kristo bɛgyee nnetoneyɛfo. Ɛnnyɛ sɛ yebetumi aka Onyame abata yɛn ho, na mmom — Hwɛ anwonwa dɔ! “Onyame traa Kristo mu repata aka wiase ato Ne ho.” 2 Kor. 5:19Ɔde n’anwonwa dɔ no retwe Ne mmofra a wɔafom No no. Asase so baatan biara nni boasetɔ wɔ ne mma bɔne ne mfomso ho tese Onyame boasetɔ a ɔwɔ no won a oregye won no ho. Obiara nni ho a opa kyɛw yiye ma mmaratofo tesɛ Kristo. Asase so anofafa biara mpaa kyɛw ɔdɔ mu tesɛ Ne de no da. Ne bɔhyɛ, Ne kɔkɔbɔ, nyinaa mu oyi Ne dɔ a enni kabea no kyerɛ.KN 29.4

    Sɛ ɔbonsam se wo sɛ wo yɛ ɔdebɔneyɛfo kɛse a, hwɛ wo dimafo wo ɔsoro, na ka Ne dom no ho asɛm. Nea ɛbɛtumi aboa wo ara ne sɛ wo bɛhwɛ Ne hann no. Hu wo bɔne: na ka kyerɛ Ɔtanfo no sɛ, “Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo.” 1 Tim. 1 : 15. Na ebia wonam N’anwonwa dɔ no so benya nkwa. Yesu bisaa Simon adefirifo baanu no ho asɛm sɛ, “obiako de ne wura ka kakra bi, na obiako no nso de yɛ pii. Ɔde kyɛɛ wɔn baanu kwa. Enti kyerɛ me won mu nea ɔbɛdɔ ne wura no beberebe.” Na Simon buae sɛ, “misusu sɛ nea ɔde beberebe kyɛɛ no no.” Luka 7 : 43. Yayɛ nnebɔneyɛfo kɛse, na Kristo wui ma yɛanya bɔne fafiri. N’ahummobo afɔrebɔ no tumi gyina yɛn anan mu Agya no anim. Wɔn a Ɔde bɔne beberee akyɛ wɔn no bɛdɔ No pii, na wɔabɛn Nahennua no ho ayi Ne dɔ kɛse ne N’afɔrebo a enni kabea no ayɛ. Sɛ yɛte Onyankopɔn dɔ kɛse no ase wie a, ɛma yehu sɛnea bɔne tan a ɛyɛ te. Sɛ yehu sɛnea ɔdɔ hama no te, na yɛte Kristo afɔrebo nwonwa no ase a, ɛma yenya ahunnu kese.KN 30.1

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents